GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2009 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER ONE
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nkyea ne abadintoɔ ho.
1. Sɛ obi firi akwanhyia mu a, nkyea bɛn na ɛfata no?
A. Akwaaba
B. Due
C. Frɛ nkwa
D. Wo tiri nkwa
SHOW ANSWER
D. Wo tiri nkwa
2. Akanfoɔ kyea afirinhyia pa ….bere mu..
A. Afudɔ
B. Anigyeɛ
C. Buronya
D. Asuso
SHOW ANSWER
C. Buronya
3. Sɛ obi rekyea ɔhene na ɔkwaha ne ntoma a, ɛkyerɛ deɛn?
A. Obuo
B. Koroyɛ
C. Nimdeɛ
D. Onuadɔ
SHOW ANSWER
A. Obuo
4. Sɛ obi nkyea nnyesoɔ ne “Yaa-sɔna” a, na ɔbɔ abusua bɛn?
A. Asakyiri
B. Asona
C. Ɛkoɔna
D. Ɔyoko
SHOW ANSWER
B. Asona
5. Abɔfra a odi Badu akyi no Akanfoɔ frɛ no…..
A. Duku
B. Kontɔ
C. Nsowaa
D. Piesie
SHOW ANSWER
A. Duku
6. Nsuo ne nsa a wɔde ka abɔfra ano wɔ abadintoɔ mu kyerɛ sɛ……
A. ɔmmɛyɛ osikani
B. ɔmmɛyɛ ɔhene
C. ɔmmɛka nokorɛ
D. ɔnyin nkyɛ
SHOW ANSWER
C. ɔmmɛka nokorɛ
7. Edin Antobam ase kyerɛ sɛ abɔfra bi ammɛto ne …..
A. Maame
B. Papa
C. Wɔfa
D. Nana
SHOW ANSWER
B. Papa
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ aware ho.
8. Kyerɛ deɛ ɛnti a Akanfoɔ nware wɔn nuanom.
A. Ɛyɛ abosonsom
B. Wɔn mma bɛwuwu
C. Wonnya sika
D. Ɛyɛ mogyafra
SHOW ANSWER
D. Ɛyɛ mogyafra
9. Amanneɛ bɛn na Akanfoɔ yɛ ma abaayewa a wadu ne mpaninfeɛ so?
A. Ayeforɔhyia
B. Bragorɔ
C. Kyiribra
D. Akradwareɛ
SHOW ANSWER
B. Bragorɔ
10. Nnoɔma yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnsɛ sɛ ɔsakyima no de ne se ka mu?
A. Nkosua
B. Akokɔnam
C. Nsa
D. Borɔdedwo
SHOW ANSWER
A. Nkosua
11. Sɛ Akanfoɔ se abaayewa bi abu ne nsa a, na ɛkyerɛ sɛn?
A. Ne nsam ayɛ duru
B. Wayɛ bra
C. Ne nsa ayɛ tenten
D. Owiawia nnoɔma
SHOW ANSWER
B. Wayɛ bra
12. Nnoɔma a ɛdidi so yi deɛ ɛwɔ he na sɛ ɔbarima du ne mpaninfeɛ so a, wɔma no?
A. Otuo ne nkrante
B. Sekan ne kɛntɛn
C. Asosɔ ne otuo
D. Asɔ ne otuo
SHOW ANSWER
A. Otuo ne nkrante
13. Nnoɔma a wɔde ma abarima no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ?
A. ƆbƆtƆn
B. Ɔde bɛma ne yere
C. Ɔde bɛbɔ ne bra
D. Ɔde bɛkyerɛ ne nnamfonom
SHOW ANSWER
C. Ɔde bɛbɔ ne bra
14. Hyire a akumaa de sra ɔbaa a wagyae awareɛ kyerɛ sɛ awareɛ no……
A. Asɔ yiye
B. Agu koraa
C. Adi mu
D. Nni mu
SHOW ANSWER
B. Agu koraa
15. Deɛn ne akonta sekan?
A. Ntoma a wɔde ma awofoɔ
B. Nkrantɛ a nkontanom gye
C. Nnoɔma a wɔdema badwafoɔ
D. Sika a ɔbarima tua ma ne yere nua mmarima
SHOW ANSWER
D. Sika a ɔbarima tua ma ne yere nua mmarima
16. Kyerɛ deɛ ɛnti a Akanfoɔ mpɛ koratwe.
A. Ɛde mogyafra ba fie
B. Ɛde kyiribra ba abusua mu.
C. Ɛtaa de ntɔkwa ba awarefoɔ ntam
D. Ɛtaa de mmusuo ba fie
SHOW ANSWER
C. Ɛtaa de ntɔkwa ba awarefoɔ ntam
17. Mpaninfoɔ regu awareɛ a, wɔma awarefoɔ no mu biara……
A. didi ansa
B. ma ne wɔfa kasa
C. bɔ ne nkuro
D. bu nkontaa ansa
SHOW ANSWER
C. bɔ ne nkuro
18. Deɛn pɔtee na abusuafoɔ hwɛ ho de ɔbaa ma ɔbarima bi awareɛ?
A. Suban
B. Ahoɔfɛ
C. Adan
D. Sika
SHOW ANSWER
A. Suban
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ ayiyɔ ne adedie ho.
19. Hyehyɛ ayiyɔ dwumadie yi nnidisoɔ nnidisoɔ.
A. Nnabɔ, funsie, nsawabɔ
B. Nnabɔ, nsawabɔ, funsie
C. Funsie, nnabɔ, nsawabɔ
D. Nsawabɔ, funsie, nnabɔ
SHOW ANSWER
A. Nnabɔ, funsie, nsawabɔ
20. Deɛn na ntoma fitaa fura da no adi wɔ ayie ase?
A. Ɔbɔfoɔ bi awu
B. Ɔpanin bi a wanyin yiye awu
C. Aberanteɛ bi awu
D. Abɔfra bi awu
SHOW ANSWER
B. Ɔpanin bi a wanyin yiye awu
21. Agya bi wu a, agya bi te ase. Yɛtaa te saa bɛ yi wɔ…..ase.
A. Abadintoɔ
B. Awaregyaeɛ
C. Ayeforɔhyia
D. Ayie
SHOW ANSWER
D. Ayie
22. Sɛ………te ase a, Badu ntumi nni adeɛ..
A. Ata
B. Tawia
C. Nkroma
D. Panin
SHOW ANSWER
C. Nkroma
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ ahensɛm ho.
23. Deɛn nnoɔma kuo na wɔhwɛ ansa na wɔde obi adi hene?
A. Suban, adan, abusua
B. Adamfo, sika, abusua
C. Abusua, suban, ahosuo
D. Sika, ada, ahosuo.
SHOW ANSWER
C. Abusua, suban, ahosuo
24. Dwuma titire bɛn na Banmuhene di wɔ ahemfie?
A. Osie ahemfo sika
B. Ɔhwɛ ma wosie ahemfo
C. Ɔno na ɔnoa ɔhene aduane
D. Ɔno na ɔkasa ma ɔhene
SHOW ANSWER
B. Ɔhwɛ ma wosie ahemfo
25. Kyerɛ dwuma a Akanfoɔ yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔatu ↄhene adeɛ so.
A. Wɔyi ne nan mu mpaboa
B. Wɔpa ne ho ntoma
C. Wɔtwa no asu
D. Wɔde no kɔtena dan mu
SHOW ANSWER
A. Wɔyi ne nan mu mpaboa
26. Ɛhefoɔ na wɔde wɔn ntadeɛ mpasampasa a mogya wɔmu di akɔneaba berɛ a ɔhene abɔ dwa?
A. Ɛsɛn
B. Abrafoɔ
C. Akyerɛma
D. Akyeame
SHOW ANSWER
B. Abrafoɔ
27. Obi a ɔnoa ɔhene aduane yɛ…..
A. Ɔkyerɛma
B. Ɔkra
C. Ɛsɛn
D. Osodoni
SHOW ANSWER
D. Osodoni
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ tete nnwuma ho.
28. Obi a ɔde nnua yɛ adwinnie yɛ……
A. Odunsini
B. Duadwumfoɔ
C. Onyansafoɔ
D. Okuafoɔ
SHOW ANSWER
B. Duadwumfoɔ
29. Nnwuma yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔyɛ no wɔ nwura mu?
A. Osoodo
B. Atono
C. Sikadwinie
D. Ahayɔ
SHOW ANSWER
D. Ahayɔ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ho.
30. Kyerɛ ɛbɛ yi ase. Wo ntumi wo nnoɔma a, wose wo kahyire nyɛ.
A. Wo kɔn mu nyɛ duru a, nsoa nnoɔma
B. Wo kahyire nyɛ kɛseɛ a, nsoa adeɛ
C. Wontumi adeɛ bi yɛ a, na wode hyɛ obi.
D. Wopɛ adesoa a, nhwehwɛ kahyire
SHOW ANSWER
C. Wontumi adeɛ bi yɛ a, na wode hyɛ ob
31. Ɔkwaterekwa se ɔbɛma wo ntoma a tie ne din.
A. Ohiani bi anya sika
B. Obi rebɔ wo nkɔmmɔ
C. Obi pɛ sɛ wotɔ ntoma
D. Obi redaadaa ne yɔnko sɛ ɔbɛma no biribi a ɔnni bi.
SHOW ANSWER
D. Obi redaadaa ne yɔnko sɛ ɔbɛma no biribi a ɔnni bi.
32. Suban bɛn na nwa ne akyekyedeɛ da no adi wɔ abɛbuo mu?
A. Asisie
B. Ntɔkwa
C. Asomdwoeɛ
D. Pɛsɛmenkomenya
SHOW ANSWER
C. Asomdwoeɛ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ Agyarekɔ ne nyansapɔ ho.
33. Agya ade bi wɔ hɔ, sɛ wonam a, etumi di w’anim anaa w’akyi. Ɛyɛ deɛn?
A. Nsuo
B. Lɔre
C. Saakre
D. Sunsuma
SHOW ANSWER
D. Sunsuma
34. Agya wɔ adeɛ bi. Wotia n’ayaase a, na wasere, wopagya wo nan a, na wamuna.
A. Asopatere
B. Paneɛ
C. Dadefidie
D. Kotokuo
SHOW ANSWER
C. Dadefidie
35. Nnipa baahe na wodi dwa?
A. Baako
B. Baanu
C. Baasa
D. Baanan
SHOW ANSWER
B. Baanu
36. Nkyene ante aduane mu a, onipa akwaa bɛn na ohu?
A. Tɛkrɛma
B. Ani
C. Yafunu
D. Aso
SHOW ANSWER
A. Tɛkrɛma
37. Abisaa bi ka sɛ muka yɛ akɔmfoɔ baasa. Sɛ ɔbaako nni hɔ a wɔnyɛ adwuma. Adesua bɛn na ɛwɔ saa abisaa yi mu?
A. Anuanom baasa
B. Koroyɛ
C. Akɔmfoɔnkabom
D. Mpanimfoɔ agyinatuo
SHOW ANSWER
B. Koroyɛ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nsaguo ne nsɛnkyerɛnne ho.
38. Kyerɛ ɔkwan baako a Akanfoɔ fa so kasa kyerɛ Onyankopɔn..
A. Wɔbɔ dawuro
B. Wɔka kyerɛ Asaase Yaa
C. Woyi apae
D. Wɔkɔ asieɛ
SHOW ANSWER
C. Woyi apae
39. Suban bɛn na Akanfoɔ da no adi wɔ wɔn atamfo ho wɔ apaeɛ mu?
A. Wɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn
B. Wɔne wɔn yɛ aka
C. Wɔdome wɔn nyinaa
D. Wɔpa wɔn kyɛw
SHOW ANSWER
C. Wɔdome wɔn nyinaa
40. Sɛ ɔhene bi akyampoma so agyiraehyɛdeɛ yɛ akoo a, na ɛkyerɛ deɛn??
A. Ahoteɛ
B. Anuɔden
C. Anigye
D. Anoteɛ
SHOW ANSWER
A.Ahoteɛ
Post a Comment