2012
GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2012 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER ONE
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nkyea, edin ne abusuabɔ ho.
1. Sɛ wo dɔfo bi bɛsra wo awia na ɔrekɔ a, woma no
A. due ne awɔ
B. due ne awia
C. due ne brɛ
D. due ne nwunu
SHOW ANSWER
B. due ne awia
2. Sɛ wo ne obi rekɔ baabi na ɔdi kan na wokɔto no a, wokyea no sɛ…
A. mema wo ahyia
B. mema wo ɔduru
C. nkyɛreba
D. mema wo akwaaba
SHOW ANSWER
A. mema wo ahyia
3. Wɔwo abɔfra na ɔdi …….a, wɔto ne din
A. adaduanan
B. afe
C. nnawɔtwe
D. bosome
SHOW ANSWER
C. nnawɔtwe
4. Akanfoɔ de wɔn babarima panin to…..
A. Abusuapanin
B. Agya nua panin
C. Agya kumaa
D. Agya papa
SHOW ANSWER
D. Agya papa
5. Sɛ ɔbarima ware a, ne yere maame nuanom yɛ ne
A. nsenom
B. koranom
C. nkumaafoɔ
D. nsenkumaa
SHOW ANSWER
A. nsenom
6. Sɛ ɔbaa ware a, ne kunu nuammarima yɛ ne ……
A. koranom
B. nkontanom
C. nsenom
D. kununom
SHOW ANSWER
D. kununom
7. Ɔbaa ware a, ne kunu nuammarima mma yɛ ne….
A. koramma
B. nananom
C. mmannoma
D. mma
SHOW ANSWER
D. mma
8. Nsuo ne nsa a wɔde sɔ abɔfra anom berɛ a wɔreto ne din no kyerɛ ……
A. ahoɔden
B. anoteɛ
C. nokorɛdie
D. papa ne bɔne
SHOW ANSWER
C. nokor?die
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ akyiwadeɛ, owuo ne bragorɔ ho.
9. Abamo akyiwadeɛ ne…..
A. akokɔ
B. kusie
C. ɔtwe
D. wansane
SHOW ANSWER
B. kusie
10. Akanman mu sɛ obi rewu a,……
A. Wɔgu n’anom nsuo
B. Wɔde no to ne benkum so
C. Wɔnsɔ ne mu
D. Wɔ teatea no
SHOW ANSWER
A. Wɔgu n’anom nsuo
11. Nnoɔma a Akanfoɔ de gya owufoɔ kwan no wɔfrɛ no sɛn?
A. Akatasodeɛ
B. Akyɛdeɛ
C. Asiedeɛ
D. Nkradiɛ
SHOW ANSWER
C. Asiedeɛ
12. Sɛ obi de ka na ɔwu a, hwan na ɔtua ka no?
A. abusuapanin
B. anuanom
C. obiara ntua
D. odiadefo
SHOW ANSWER
D. odiadefo
13. Kukuo a okunafoɔ kɔbɔ no kurotia no kyerɛ sɛ…..
A. ɔne ne kunu adi ntetemu
B. ɔmpɛ kukuo no
C. ne bo afu
D. ɔnnidi bio
SHOW ANSWER
A. ɔne ne kunu adi ntetemu
14. Ansa na wɔbɛgoro abaayewa bi bra no, wɔkɔbɔ hwan amanneɛ?
A. Abusuapanin
B. Ɔhemaa
C. Ɔhene
D. Nananom
SHOW ANSWER
B. Ɔhemaa
15. Sɛ wɔgoro abaayewa bi kyiribra a, ……..
A. ɛhyɛ abusua no animuonyam
B. ɛma ɔbaa no nya dwetire
C. ɛgu awofoɔ no anim ase
D. ɛma ɔbaa no nya kunu pa
SHOW ANSWER
C. ɛgu awofoɔ no anim ase
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ ahennie, asɛnnie ne afahyɛ ho.
16. Yeinom baako nka ɔhemaa adwuma ho
A. Ɔsiesie nsɛm
B. Ɔtu ɔhene fo
C. Ɔtumi pa ɔhene
D. Ɔnoa ɔhene aduane
SHOW ANSWER
D. Ɔnoa ɔhene aduane
17. Nnipakuo yi mu baako nni dwuma wɔ Akanfoɔ asɛnnie mu.
A. Adansefoɔ
B. Lɔyafoɔ
C. Agyinatufoɔ
D. Badwafoɔ
SHOW ANSWER
B. Lɔyafoɔ
18. Sɛ Akanfoɔ retu agyina wɔ asɛnnie mu a, na ɛkyerɛ sɛn?
A. Wɔrekɔbisa aberewa
B. Wɔrekɔdidi aba
C. Wɔatu asɛm no ahyɛ da
D. Wɔregye wɔn ahome
SHOW ANSWER
A. Wɔrekɔbisa aberewa
19. Hwan na ɔhwɛ ɔhene fotoɔ so?
A. Ankɔbeahene
B. Gyaasehene
C. Sanahene
D. Kurontihene
SHOW ANSWER
C. Sanahene
20. Hwan na ɔyan ɔhene atumpan?
A. Ɛsɛn
B. Ɔkyerɛma
C. Abrafoɔ
D. Mmɛnsonfoɔ
SHOW ANSWER
B. Ɔkyerɛma
21. Aboa bɛn na Kumawufoɔ de di Papa afahyɛ?
A. ɔsono
B. ɔtwe
C. nantwie
D. wansane
SHOW ANSWER
C. nantwie
22. Sɛ ɔhene reba adwabɔ ase afahyɛ berɛ a, …….
A. ɔnante bɔkɔɔ
B. ɔkasakasa
C. ɔhurihuri
D. ɔtu mmirika
SHOW ANSWER
A. ɔnante bɔkɔɔ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ awareɛ, nnapɔnna ne adwuma ho.
23. Wɔfrɛ wɔn a wɔdi ɔbɔfoɔ akyi kɔ ahayɔ sɛ………
A. Aboafoɔ
B. Ayawfoɔ
C. Akyidifoɔ
D. Asomafoɔ
SHOW ANSWER
B. Ayawfoɔ
24. Akanfoɔ tumi frɛ Akwasidɛɛ sɛ…….
A. Fɔkwasie
B. Monokwasie
C. Nkyikwasie
D. Kurukwasie
SHOW ANSWER
D. Kurukwasie
25. Benada Dapaa adekyeeɛ yɛ…..
A. Kwawukuo
B. Kurudapaakuo
C. Monowukuo
D. Ngonawukuo
SHOW ANSWER
B. Kurudapaakuo
26. Akwasidɛɛ biara Akanfoɔ……..
A. gu nsa
B. bɔ tikwa
C. hyɛ fa
D. nnidi
SHOW ANSWER
A. gu nsa
27. Sɛ wɔregye awareɛ a, ɔbaa no abusuafoɔ taa de tire adeɛ no ……..
A. kɔma abusuapanin
B. kɔgye wɔn ani
C. kɔtua abusua ka bi
D. kɔma ɔhemaa
SHOW ANSWER
C.kɔtua abusua ka bi
28. Agyapadeɛ titire a ɛfiri awareɛ mu ba ne……..
A. Ayɔnkofa
B. Anigyeɛ
C. Sika
D. Mma
SHOW ANSWER
D. Mma
29. Hwan na ɔgu ɔbaa no hyire wɔ awaregyaeɛ mu?
A. Nkontanom
B. Nana
C. Nsenom
D. Nkumaafoɔ
SHOW ANSWER
D. Nkumaafoɔ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ne agya rekorɔ ho.
30. Abɔfra nnim adwareɛ a ɛnyɛ…..
A. n’anim
B. n’afuru so
C. ne kɔn ho
D. ne nsa ho
SHOW ANSWER
B. n’afuru so
31. Aberewa bɛdi twɛdeɛ a, na ɛfiri ……..
A. n’ano
B. ne nsa
C. ne nananom
D. ne poma
SHOW ANSWER
A. n’ano
32. Wopam ohufoɔ a, …..
A. ne koma te
B. woto ne barima
C. ɔtwe sekan
D. wonya asɛm
SHOW ANSWER
B. woto ne barima
33. Sɛ woyɛ bi na anyɛ yie a, wɔfrɛ wo……
A. ayɛbiagya
B. ayɛbiaguo
C. ayɛboafo
D. ayɛbiakyerɛ
SHOW ANSWER
B. ayɛbiaguo
34. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ wotia n’ayaase a, na ɔresere. Ɛyɛ……
A. apasoɔ
B. kaa
C. mpaboa
D. dadefidie
SHOW ANSWER
D. dadefidie
35. Agya nipa bi wɔ hɔ, ɔte fie a na n’abɔdwesɛ gu abɔnten. Ɛyɛ…..
A. abɛ
B. mframa
C. wisie
D. nsuo
SHOW ANSWER
C. wisie
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ atetesɛm, anansesɛm,nsaguo ne nsɛnkyerɛnneɛ ho.
36. Kane no na wɔfrɛ anansesɛm sɛn?
A. Nyankonsɛm
B. Abasɛm
C. Bɔsrɛmka
D. Adomankomasɛm
SHOW ANSWER
A. Nyankonsɛm
37. Sɛnti a tete no na wɔnto anansesɛm awia ne sɛ…….
A. ahuhuro bɛde wo
B. ɛnyɛ anigye
C. yɛmmɔ mmoa din awia
D. ɛsɛe adwumayɛ
SHOW ANSWER
D. ɛsɛe adwumayɛ
38. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ sɛ…….na wɔde egya baeɛ.
A. Asonafoɔ
B. Biretufoɔ
C. Aduanafoɔ
D. Ɔyokofoɔ
SHOW ANSWER
C. Aduanafoɔ
39. Wɔnyɛ yeinom baako wɔ nsaguo mu.
A. Wɔkata wɔn ani
B. Wɔbɔ abosom ne nsamanfoɔ din
C. Wɔpia wɔn ntoma gu wɔn mmatiri
D. Wɔyi wɔn nan mu mpaboa
SHOW ANSWER
A. Wɔkata wɔn ani
40. Akanman mu sɛ obi resa na ɔfoforɔ pagya ne nsa kyerɛ no a, ɛkyerɛ sɛn?
A. Ɔnnyae asa
B. Ɔma no mo
C. Ɛdwom no yɛ dɛ
D. Ɔnnyina hɔ
SHOW ANSWER
B. Ɔma no mo
2012 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two
PART I
COMPOSITION
1. Yi nea edidi soɔ yi mu baako na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa twerɛ ho asɛm
a) Kyerɛ w’adamfo kwan ma ɔmfiri wo sukuu mu nkɔ wo fie.
b) Nea woyɛ no Memeneda anaa Kwasiada biara.
c) Twerɛ nwoma bi a woakan a emu nsɛm yɛ wo dɛ ho nsɛm.
d) Enti ɛyɛ sɛ wɔhyɛ Ghanani abɔfra biara ma no kɔ sukuu?
SHOW ANSWER
PART II
COMPREHENSION
Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
2. Mekae asasewosoͻ a ԑsii wͻ afe 1939 mu no. Na yԑresua adeԑ annwummerԑ wͻ Achimota. Na ԑyԑ hu yie nanso yԑn ho ampopo. Wͻamma ԑberԑ no anso na wͻbͻͻ ԑdͻn. Yԑde mmrika pue firii dan no mu baa petee mu. Yԑn akyerԑkyerԑfoͻ no de akokoͻduro ka kyerԑ yԑn sԑ nea ԑyԑ hu wͻ ho no abԑtwam kͻ.
Akyire no metee asasewosoͻ kԑseԑ a ԑsii wͻ san Francisco afe 1906 mu ne nea ԑsii wͻ Japan afe 1923 mu no ho asԑm. Ԑno nti wͻsisii adan a ԑwͻ saa aman yi so no sԑdeԑ ԑbԑtumi agyina asasewosoͻ ano. Yei nti anyԑ me nwanwa sԑ afe 1939 akyi no wͻhyԑԑ adansie ho mmara mu den wͻ Ghana ha. Mԑtumi aka no pefee sԑ, sԑ asasewosoͻ si daakye bi a, adan kakra bi na ԑbԑbubu. Wͻn a wͻwuu wͻ asasewosoͻ no mu no abusuafoͻ de ho asodie bԑto adansifoͻ no ne mpanimfoͻ a wͻhwԑ adansie adwuma no so sԑ wͻsiee awufoͻ no sԑ atͻfoͻ. Nnipa a anwuwu wͻ asasewosoͻ no mu no bԑkasa atia aban a ͻte soͻ no sԑ wͻnni adansie ho nimdeԑ. Nanso ԑbԑtumi aba sԑ wͻansisi adan no wͻ saa aban no berԑ so.
Sԑ anka asasewosoͻ kԑseԑ bi resi bio a na yԑbԑhunu mfomsoͻ a ԑwͻ adan a wͻsisi no basabasa no mu. Wͻn a wͻtuatua sika de ma mpanimfoͻ no ma wͻsisi adan basabasa no bԑhunu sԑ wͻatua sika atͻ wͻn wuo . Nea ԑteԑ biara no, ԑhia sԑ yԑn a yԑte aseԑ yi no hunu nyansa sԑ yԑnsisi adan basabasa sԑ tete no. Bio, ԑsԑ sԑ yԑhwԑ sԑ yԑde nhyehyԑeԑ pa bi bԑgu akwan mu de abrԑ asasewosoͻ ne ԑho haw ase.
a) Berɛ a asasewosoɔ no siiɛ no, na ɔtwerɛfoɔ no wɔ he?
b) Afe bɛn mu na asasewosoɔ no sii wɔ Ghana?
c) Adɛn nti na wɔtuu mmrika kɔɔ petee mu?
d) Mfeɛ bɛn mu na asasewosoɔ sisii wɔ San Francisco ne Japan?
e) Kyerɛ saa asɛm yi ase: wɔsiee awufoɔ no sɛ atɔfoɔ.
f) Basabasa kyerɛ sɛn wɔ akenkansɛm no mu?
g) Kyerɛ ɔkwan baako a wogye di sɛ yɛfa so a ebetumi abrɛ asasewosoɔ mu ɔhaw ase.
h) Asasewosoɔ no akyi, adansie ho nhyehyɛe bɛn na wɔyɛɛ wɔ Ghana?
i) Yei asekyerɛ ne sɛn? wɔatua sika atɔ wɔn wuo.
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to akenkansɛm yi din.
SHOW ANSWER
a) Ɔtwerɛfoɔ no wɔ Achimota resua ade.
b) 1939
c) Wↄsuro sε adan bεbu agu wↄn so.
d) 1906 ne 1923
e) Wↄsiee wↄn sε nnipa a wↄn ho nni mfasoↄ
f) Beaeε a εnsε sε wosi dan wↄ hↄ
g) Yεfa adansie ho mmara kwan so sisi yεn adan.
h) Wↄhyεε adansie ho mmara no mu den
i) Wↄn ara apε wↄn wuo
j) Asaasewosoↄ a εsii Ghana,
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa ano.
3. Twerɛ nsɛmfua a ɛne nea wɔasensan aseɛ no bɔ abira.
a) Me kyerɛkyerɛfoɔ twerɛ ntɛmntɛm.
b) Polisini no yɛ tenten.
c) Nsuo a ɛgu toa no mu no yɛ.
d) Abɔfra no resu.
e) Adwumayɛfo no hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma no.
Twerɛ nsɛmfua kuo a nea wɔasensan aseɛ no biara firi mu wɔ ɔkasamu ahoroɔ yi mu.
f) Wɔdware twaa asuo no.
g) Akwantufoɔ no faa bonhwa donkodonko bi mu.
h) Asukuufoɔ no dii aduane no ntɛmntɛm.
i) Amma huu wo nnora.
j) Asomdwoeɛ wɔ kuro no mu.
Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
k) Menhyiaa no da Mɛnsa ka kyerɛɛ polisini no.
l) Da biara Amma twa akwansini num na ɔkɔ sukuu
m) Sɛn na ɔkaasɛ ɔbɛgye
n) Wɔbɛbue sukuu ɛbɔ bosome mu
o) Ekuo mma no tuu kwan kɔɔTogo Benin ne Nigeria
Twerɛ adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi biara mu.
p) Ɛsɛ sɛ Aba hunu dɔkota no seesei ara.
q) Nokorɛ no bɛda adi
r) Ɔwɔ kɛseɛ no amene akranteɛ
s) Mmɔfra no rebɔ nsra wɔ agoprama no so.
t) Afe biara ekuo no hyia baako pɛ.
SHOW ANSWER
a) Nyaanyaa / bↄkↄbↄkↄ
b) Tiatia
c) Asεe
d) Resere
e) pↄnee
f) adeyε
g) nkyerεkyerεmu
h) ↄkyerεwfo
i) edinnsiananmu
j) edin
k) “Menhyiaa no da”, Mɛnsa ka kyerɛɛ polisini no.
l) Da biara Amma twa akwansini num na ɔkɔ sukuu.
m) Sɛn na ɔkaasɛ ɔbɛgye?
n) Wɔbɛbue sukuu Ɛbɔ bosome mu.
o) Ekuo mma no tuu kwan kɔɔTogo, Benin ne Nigeria.
p) hunu
q) bɛda
r) amene
s) rebɔ
t) hyia
Post a Comment