Twi 2015


2015

Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One

1. Awia berɛ mu Twifoɔ kyea ……….

A. maakye
B. maadwo
C. maawia
D. maaha

SHOW ANSWER

D. maaha

2. Wɔkyea Aduanafoɔ a wɔgye so

A. yaa Asɔ na
B. yaa Ɛsɔn
C. yaa Adu-na
D. yaa Awu-si

SHOW ANSWER

C. yaa Adu-na

3. Wo wɔfa maame yɛ wo deɛn?

A. Nana
B. Maame
C. Sewaa
D. Nua

SHOW ANSWER

A. Nana

4. Sɛ Okanni ka sɛ ɔne obi yɛ mogya baako a, na ɛkyerɛ sɛ…….baako.

A. wɔyɛ abosomma
B. wɔyɛ abusua
C. wɔte fie
D. wɔbɔ ntɔn

SHOW ANSWER

B. wɔyɛ abusua

5. Abofra a wo papa de no bɛwaree wo maame yɛ no …….

A. kora
B. akumaa
C. abanoma
D. ba

SHOW ANSWER

C. abanoma

6. Abusua biara wɔ …… a ɔda ano.

A. ɔkyeame
B. abusua panyin
C. nhenkwaa
D. ɔhene

SHOW ANSWER

B. abusua panyin

 

7. Nhunuanim nsa din foforɔ ne ……

A. kɔkɔɔkɔbɔ
B. tiri nsa
C. tiri ade
D. danta

SHOW ANSWER

A. kɔkɔɔkɔbɔ

8. Saa nneɛma yi mu baako na wɔde ka ɔbrani ano.

A. Kosua
B. Nsa
C. Ɛmo
D. Fufuo

SHOW ANSWER

A. Kosua

9. ………….. yɛ amaneɛ a wɔyɛ de pagya abaayewa kɔ ne mpanin mfeɛ mu.

A. Ayeforohyia
B. Awaregyeeɛ
C. Kyiribra
D. Bragorɔ

SHOW ANSWER

D. Bragorɔ

10. Awaregyeeɛ mu, ɔbaa no maame gye tamboba a, papa nso gye ……..

A. sekan
B. tuo
C. danta
D. ntoma

SHOW ANSWER

C. danta

11. Aware ho mfasoɔ baako ne ……

A. ɛka ne awerɛhoɔ
B. aperepereɛ
C. koratwe
D. animuonyamhyɛ

SHOW ANSWER

D. animuonyamhyɛ

12. Ntaafoɔ akyiri ba a ɔtɔ so mmienu yɛ ……..

A. Obiwom
B. Tawia
C. Nyankomago
D. Atuakɔsɛn

SHOW ANSWER

C. Nyankomago

 

 

13. Akanfoɔ nam …..so gye akokoaa bi to abusua bi mu.

A. dintoɔ
B. asubɔ
C. awaregyeɛ
D. kradin

SHOW ANSWER

A. dintoɔ

14. Sɛ wɔwo obi Memeneda na ɔyɛ ɔbarima a, ne mmrane ne……..

A. Atoapoma
B. Kontonkyi
C. Toturobonsu
D. Bodua

SHOW ANSWER

A. Atoapoma

15. Bragorɔ mu no baabi a ɔbrani kɔtena yɛ ….

A. ɔhemaa fie
B. brafie
C. abusuafie
D. ɔmaame fie

SHOW ANSWER

B. brafie

16. Akanfoɔ di adeɛ kɔ …….fam.

A. damfo
B. sewaa
C. papa
D. maame

SHOW ANSWER

D. maame

17. Nnipakuo a wɔnoa ɔhene aduane wɔ ahemfie ne …..

A. Akyerɛmadefoɔ
B. Soodofoɔ
C. Ɛsɛnfoɔ
D. Adumfoɔ

SHOW ANSWER

B. Soodofoɔ

18. Ahemfie nnipa no nyinaa Sahene ne hwan?

A. Gyaasehene
B. Ɔkyeame
C. Kurontihene
D. Abrafoɔ

SHOW ANSWER

A. Gyaasehene

 

 

19. Sɛ wɔpaw ɔhene foforo a …….kyerɛ ɔmanfoɔ.

A. ɔnante
B. ɔsuae
C. ɔdidi
D. ɔkasa

SHOW ANSWER

B. ɔsuae

20. Ahemfo yi mu hwan na ɔkorɔn sene wɔn a aka no.

A. Kurontihene
B. Sanaahene
C. Gyaasehene
D. Ɔmanhene

SHOW ANSWER

D. Ɔmanhene

21. Ahemfo baasa a wɔdii Fantefoɔ anim bepuee mpoano ne ……….

A. Ntim Gyakari, Aseibu Amenfi, Opoku Ware
B. Ɔsono, Ntim Gyakari, Ɔsɛe Bonsu
C. Oburumankoma, Ɔdapagyan, Ɔsono.
D. Ɔsɛe Tutu, Tweneboa Kodua, Ansa Sasraku

SHOW ANSWER

C. Oburumankoma, Ɔdapagyan, Ɔsono.

22. Akan man mu sɛ obi ka ntam a …..

A. wɔhwe no
B. wɔde no kɔ kɔɔto
C. wɔkyere no dedua
D. wɔbɔ n’aba so

SHOW ANSWER

C. wɔkyere no dedua

23. Nsɛm a yɛde wie nsaguo taa yɛ deɛ yɛde ……

A. hyira
B. boa
C. frɛ
D. dome

SHOW ANSWER

D. dome

24. Nnoɔma a yɛde yi apaeɛ no bi ne …………….

A. nsa a ɛboro
B. fanta
C. ntunkum
D. nsa dɔkɔdɔkɔ

SHOW ANSWER

A. nsa a ɛboro

 

 

25. …………….yɛ berɛ a obi anto ne kɔn anwu.

A. Yarewuo
B. Atɔfowuo
C. Owupa
D. Mpam wuo

SHOW ANSWER

B. Atɔfowuo

26. Asiedeɛ a Akanfoɔ de ma owufoɔ kyerɛ wɔn ………wɔ owuo akyi.

A. Ayamye
B. Gyedie
C. Nteaseɛ
D. Ahɔhoyɛ

SHOW ANSWER

B. Gyedie

27. Suban a Ananse taa da no adi yɛ ……

A. ahobrɛaseɛ
B. awiɛmfoɔ
C. aniteɛ
D. aboafoɔ

SHOW ANSWER

C. aniteɛ

28. Ɛnam hwan so na Onyankopɔn kɔɔ soro?

A. Ɔbarima bi
B. Papa bi
C. Maame bi
D. Aberewa bi

SHOW ANSWER

D. Aberewa bi

29. Kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frankaa mu no kyerɛ ……

A. mogya a nananom hwie guiɛ
B. ɔman no kwaeɛ
C. ɔman no nkɔsoɔ
D. ɔman no sika kɔkɔɔ

SHOW ANSWER

A. mogya a nananom hwie guiɛ

30. Tikorɔ mmienu a ɛbɔ mu kyerɛ sɛ ……

A. tire no asɛe
B. tire mmienu ahyia
C. asɛm bɔne asi
D. tikorɔ nkɔ agyina

SHOW ANSWER

D. tikorɔ nkɔ agyina

 

 

31. Onipa anim kam ma yɛhunu ne …….

A. ntɔn a ɔbɔ
B. baabi a ɔfiri
C. mmɔdemmɔ
D. suban

SHOW ANSWER

B. baabi a ɔfiri

32. Ɔbɛtwani de …… fite ne mmɛ.

A. egya
B. mpapa
C. tɛnee
D. berɛ

SHOW ANSWER

C. tɛnee

33. Afahyɛ bɛn na wɔdi no wɔ Simpa?

A. Aboakyer
B. Akwambɔ
C. Fetu
D. Kundum

SHOW ANSWER

A. Aboakyer

34. Asante afahyɛ kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?

A. Nkyidwoɔ
B. Adɛɛ kɛseɛ
C. Awukudeɛ
D. Nkyifie

SHOW ANSWER

B. Adɛɛ kɛseɛ

35. Agya adeɛ bi wɔ hɔ wosoma no a ɔnkɔ nso worekɔ a na ɔdi wakyi. Ɛyɛ ………

A. Owia
B. Sunsum
C. ɔkra
D. ɔsaman

SHOW ANSWER

B. Sunsum

36. Wɔtaa de saa asɛm yi hyɛ abisaa ase.

A. Akonta
B. Wɔfa
C. Agya
D. Nana

SHOW ANSWER

C. Agya

 

 

37. Ɔbaatan na ………deɛ ne ba bɛdie.

A. wɔnim
B. ɔnim
C. ɔnnim
D. wɔnnim

SHOW ANSWER

B. ɔnim

38. Obi kɔdi asɛm na ɔdi nkonim a ɔfura ntama.

A. tuntum
B. kɔkɔɔ
C. kente
D. fitaa

SHOW ANSWER

D. fitaa

39. Akokɔ a ɔbutu ne mma so nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ

A. ehu
B. nokorɛdie
C. patapaa
D. bammɔ

SHOW ANSWER

D. bammɔ

40. Ako gyina hɔ ma abusua

A. Agona
B. Ɔyokoɔ
C. Aduana
D. Ɛkoɔna

SHOW ANSWER

A. Agona

 

2015 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two

PART I
COMPOSITION

 

1. Yi nea edidi soɔ yi mu baako na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa twerɛ ho asɛm.

a) So ehia sɛ awofoɔ bɛkyerɛ wɔn mma nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔ T.V. so?
Kyerɛ w’adwene.
b) Twerɛ daeɛ bi a wosoeɛ a wosɔreeɛ no na w’ani agye.
c) Kyerɛ nnoↄma nnan a ɛde lɔre akwanhyia ba, na kyerɛ akwan ahodoɔ nnan a wɔde bɛsi saa akwanhyia no ano.
d) Adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ no daakye? Kyerɛ nea enti a wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no.

SHOW ANSWER

 

PART II
COMPREHENSION

 

2. Kenkan deɛ ɛdidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

Na nsɛnkwaayifoɔ bi redi dwuma wɔ ne fie. Ɔkɔɔ osikani bi nkyɛn kɔsrɛɛ ntɔmmrɛ aduanan nwɔtwe a wɔde nom nsa. Dwumadie no awieeɛ no, nsɛnkwaayifoɔ kɔtɔɔ ntɔmmrɛ a ɔkɔgyeeɛ no sɛso. Ɔde nea ɔkɔtɔeɛ ne nea ɔkɔgyeeɛ no nyinaa kɔmaa osikani no.
Osikani no ho dwirii no. Ɔbisaa nsɛnkwaayifoɔ yi sɛ ɛdeɛn na ɔrepɛ akyerɛ. Ɔbuaa sɛ, “Ɛnyɛ biribiara. Tɔmmrɛ biara a wode maa me no, awo ne ba baako aka ho a ɛsɛ sɛ mede brɛ wo”. Osikani no gyee ntɔmmerɛ no nyinaa a wanka hwee.
Da foforɔ bi no, nsɛnkwaayifoɔ no san dii dwuma foforɔ bio. Ɔkɔɔ osikani no hɔ kɔsrɛɛ ntɔmmrɛ no bebree. Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ de ntɔmmrɛ a ɔwɔ wɔ ne fie nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no. Na ɔsusu sɛ akyire yi ɔbenya ntɔmmrɛ no mmɔho asene kane deɛ no.
Berɛ a dwumadie yi kɔɔ awieeɛ no, nsɛnkwaayifoɔ yi de osu denden kɔɔ osikani no nkyɛn. Ɔde ne nsa hwee ne koko so. Osikani bisaa sɛ ɛdeɛn asɛm? Nsɛnkwaayifoɔ no kaa sɛ wo ntɔmmerɛ no nyinaa awuwu. Osikani no kaa sɛ wo ho yɛ sere pa ara. Meregye me ntɔmmrɛ no nyinaa. Nsɛnkwayifoɔ no gyinaa nea ɔgyina.
Osikani no kɔɔ atemmuafoɔ bi hɔ sɛ ɔnni n’asɛm mma no. Ɔtemmuafoɔ no bisaa nsɛnkwaayifoɔ no asɛm no ase. Ne mmuaeɛ no maa ɔtemmuafoɔ no seree. Afei ɔtwee osikani no aso wɔ n’asisie no ho. Ɔbuu nsɛnkwaayifoɔ no bem. Ɔkaa sɛ, “sɛ ntɔmmrɛ wo deɛ a, na wɔtumi wuwu. Ɛnyɛ nokorɛ?”

a) Ɛdeɛn na nsɛnkwaayifoɔ de ntɔmmrɛ a ɔkɔsrɛɛeɛ no yɛɛeɛ?
b) Ntɔmmrɛ dodoɔ sɛn na osikani no de maa nsɛnkwaayifoɔ no da a ɛdi kan no?
c) Ntɔmmrɛ dodoɔ sɛn na nsɛnkwaayifoɔ no de kɔmaa osikani no?
d) Adɛn nti na osikani no de ntɔmmrɛ a ɛwɔ ne fie no nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no ne mprenu so?
e) Adɛn nti na na nsɛnkwaayifoɔ no resu berɛ a na ɔrekɔ osikani no fie?
f) Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansɛm no mu. Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ.
g) Gyina nea ɔgyina. Aseɛ ne sɛn wɔ akenkansɛm no mu?
h) Asotwe bɛn na ɔtemmufoɔ no de maa osikani no?
i) Adesua bɛn na ɛwɔ abasɛm no mu?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm no din.

SHOW ANSWER

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE

 

3. Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa.

Twerɛ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi biara kɔ daabi kabea mu.
a) Kofi bɛkɔ sukuu ɔkyena.
b) Mmaa noa anwummerɛ aduane.
c) Kwadwo aka nokorɛ no.
d) Yɛrehwehwɛ yɛn nnamfonom.
e) Mmoa no nyinaa hyiaa dua no ase.


Twerɛ edin nhyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.
f) Ɔtoo anansesɛm tiawa bi kyerɛɛ yɛn.
g) Wɔnomm koko hyehyeɛ no ntɛm so.
h) Apataa mono no hyɛ friigye mu.
i) Mmɔfra no dii ankaa dɛɛdɛ no.
j) Megye di sɛ mmarima no yɛ mmɔfra pa.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
k) Wɔwoo Kofi fiada
l) Da bɛn na mɛhu wo bio
m) Wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, Awurade hu yɛn mmɔbɔ
n) Ɔwɔ pɛn pɛnsere ne rula
o) Hei, gyina

 

Twerɛ asɛmfuakuo a asɛmfua a wɔasan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu fra mu.
p) Yaw Mɛnsa tɔɔ nwoma bi.
q) Sewaa Amma kunu nie.
r) Mekasaa dendeenden wɔ nhyiamu no ase.
s) Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de nwoma no maa wɔn.
t) Aboa tantan bi nie.

1 Comments

Post a Comment

Featured Post