2014
Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nkyea, edin ne abusuabɔ ho.
1. Akanfoɔ kyea obi a ne busuani afiri mu sɛn?
A. Afiri mu
B. Gyae su
C. Kosɛ
D. Yaakɔ
SHOW ANSWER
D. Yaakɔ
2. Sɛ obi redidi a Akanfoɔ kyea no sɛn?
A. Kuta mu o!
B. Adwuma o!
C. Ayikoo!
D. Me nsa aka o!
SHOW ANSWER
A. Kuta mu o!
3. Sɛ abɔfra bi de Asaaseasa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ
A. temanmuhunu
B. ɔdehyeɛ
C. bagyina
D. ɔmamfrani
SHOW ANSWER
C. bagyina
4. Sɛ awofoɔ bi brɛ ansa na wɔawo abɔfra bi a, wɔfrɛ no
A. Abayie
B. Abɛbrɛsɛ
C. Afriyie
D. Akyirem
SHOW ANSWER
D. Akyirem
5. Ɔbarima ware a, ne yere nuammarima yɛ ne
A. koranom
B. nkummaafoɔ
C. nsenom
D. nkontanom
SHOW ANSWER
D. nkontanom
6. Wo maame wɔfa yɛ wo
A. abusuapanin
B. papa
C. nana
D. wɔfa
SHOW ANSWER
C. nana
7. Ɔbaa bi wo a, ne mma no deɛn ne ne nana?
A. Nanakumaa
B. Nanankasoa
C. Nananom
D. Nsenom
SHOW ANSWER
B. Nanankasoa
8. Sɛ yɛbɔ ɔhene mmrane sɛ Otumfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ
A. ɔwɔ tumi
B. ɔpɛ ntɔkwa
C. ɔyɛ kɛseɛ
D. ɔwɔ ahoɔden
SHOW ANSWER
A. ɔwɔ tumi
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ akyiwadeɛ, owuo, adedie ne nsaguo ho.
9. Akanfoɔ se sɛ woredware a, nnto dwom ɛfiri sɛ
A. Samina bɛkɔ w’anom
B. Wonnware ntɛm
C. Nsuo bɛkɔ w’anom
D. Wo ho mfi
SHOW ANSWER
A. Samina bɛkɔ w’anom
10. Agya bi wu a, hwan na ɔtɔ adaka no?
A. Abusuafoɔ
B. Anuanom
C. Mma
D. Okunafoɔ
SHOW ANSWER
C. Mma
11. Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de gya owufoɔ kwan korakora?
A. Wɔdede no
B. Wɔdware no
C. Wɔgu nsa
D. Wɔyɛ no ayie
SHOW ANSWER
D. Wɔyɛ no ayie
12. Sɛ odi di owufoɔ bi adeɛ a,
A. ɔtɔ owufoɔ no agyapadeɛ no
B. ɔhwɛ owufoɔ no agyapadeɛ so
C. ɔtɔn owufoɔ no agyapadeɛ no
D. wɔde owufoɔ no agyapadeɛ kyɛ no.
SHOW ANSWER
B. ɔhwɛ owufoɔ no agyapadeɛ so
13. Akanfoɔ regu nsa a, wɔfrɛ
A. Abosom ne ateasefoɔ
B. Nsamanfoɔ ne ateasefoɔ
C. Onyankopɔn ne abosom
D. Onyankopɔn ne ateasefoɔ
SHOW ANSWER
C. Onyankopɔn ne abosom
14. Ɛdeɛn na Akanfoɔ de wie nsaguo?
A. Amannebɔ
B. Nkamfoɔ ne ntontom
C. Nhyira ne nnome
D. Ɔfrɛ
SHOW ANSWER
C. Nhyira ne nnome
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ asɛnnie, ahennie ne atetesɛm ho.
15. Ɔhene resuae a,
A. ɔhyɛ atadeɛ
B. ɔka ntam
C. ɔnom nsa
D. ɔto dwom
SHOW ANSWER
B. ɔka ntam
16. Deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako nka asɛm a wɔgyina so tu ɔhene wɔ Akanman mu ho
A. Ɔhene a ɔdidi abɔnten
B. Ɔhene a ɔmpɛ kasa
C. Ɔhene a ɔmmu ne mpanimfoɔ
D. Ɔhene a ɔyɛ sadweam
SHOW ANSWER
B. Ɔhene a ɔmpɛ kasa
17. AAbusuapanin adwuma titire ne sɛ
A. ɔhwɛ abusua agyapadeɛ so
B. ɔhwɛ kuro so
C. ɔhwɛ akunafoɔ
D. ɔtwe manso
SHOW ANSWER
A. ɔhwɛ abusua agyapadeɛ so
18. Deɛ ɛdi kan wɔ asɛnnie mu ne
A. Nkurobɔ
B. Adansedie
C. Agyinatuo
D. Soboɔ
SHOW ANSWER
A. Nkurobɔ
19. Sɛ mpanimfoɔ tu wɔn nan si asɛm so a, ɛkyerɛ sɛ
A. Wɔabu obi bem
B. Wɔabu ntɛnkyea
C. Wɔatu asɛm no ahyɛ da
D. Wɔammu obiara fɔ
SHOW ANSWER
D. Wɔammu obiara fɔ
20. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ sɛ wɔn ……………hyɛ Sikadwa Kofi mu.
A. Ahoɔden
B. Animuonyam
C. Nyansa
D. Sunsum
SHOW ANSWER
D. Sunsum
21. Ɔkɔmfo Anɔkye yii Sikadwa Kofi firii
A. ewiem
B. ɛfam
C. adan mu
D. Nsuo mu
SHOW ANSWER
A. ewiem
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ bragorɔ, awareɛ, nnwuma, afahyɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ho.
22. Ɔbaa a yɛregoro no bra bɔ kosua a yɛde ka n’ano mu a, ɛkyerɛ sɛ
A. ɔrennya ahotɔ
B. ɔrenwo ba
C. ɔrennya kunu
D. ɔrenyɛ yie
SHOW ANSWER
B. ɔrenwo ba
23. Yeinom ka nneɛma a wɔde ka asakyima ano ho.
A. Akokɔ ne odwan
B. Ampesie ne fufuo
C. ɛtɔ ne kosua
D. nsa ne Nsuo
SHOW ANSWER
C. ɛtɔ ne kosua
24. Sɛ ɔbarima pɛ sɛ ɔware ɔbaa foforɔ ka ne yere ho a,
A. ɔgyae ne yere panin no
B. ɔgu ne yere panin no hyire
C. ɔtua ayeferɛ
D. ɔpata ne yere panin no
SHOW ANSWER
D. ɔpata ne yere panin no
25. Ɔbarima ware maa baanu a, mmaa no yɛ
A. Anuanom
B. Nkummaafoɔ
C. Akorafoɔ
D. Yerenom
SHOW ANSWER
C. Akorafoɔ
26. Deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako de awaregyaeɛ ba wɔ Akanman mu
A. Ɔbarima a ɔdɔ Beneda
B. Ɔbarima a ɔdidi dodo
C. Ɔbarima a ɔnni ahoɔden
D. Ɔbarima a ahia no
SHOW ANSWER
A. Ɔbarima a ɔdɔ Beneda
27. Ɔtomfoɔ de saa nneɛma yi mu bi yɛ n’adwuma.
A. Nsuo, sradaa, dadeɛ
B. Sradaa, afa, egya
C. Afa, dadeɛ, egya
D. Egya, Nsuo, sradaa
SHOW ANSWER
A. Nsuo, sradaa, dadeɛ
28. Aduane a wɔde ma nsamanfoɔ afahyɛ berɛ mu no, wɔmfa …….nto mu.
A. Gyeene
B. Nam
C. Ntoosi
D. Mako
SHOW ANSWER
D. Mako
29. Dwumadie titire bɛn na wɔde wie afahyɛ?
A. Wɔbɔ dwa
B. Wɔkɔ nkonnwafie
C. Wɔsiesie nsɛm
D. Wɔyɛ kwasafodwuma
SHOW ANSWER
A. Wɔbɔ dwa
30. Ako yɛ Agonafoɔ akraboa a ɔgyina hɔ ma
A. Ahoɔherɛ
B. Anoteɛ
C. Animuonyam
D. Ahoteɛ
SHOW ANSWER
B. Anoteɛ
31. Ɔhene a nwa ne akyekyedeɛ sisi n’akyeampoma so kyerɛ sɛ
A. ɔwɔ tema
B. ɔpɛ asomdwoeɛ
C. ɔnim nyansa
D. ɔpɛ ntɔkwa
SHOW ANSWER
B. ɔpɛ asomdwoeɛ
32. Akanman mu sɛ dɔsɔ si obi asene a na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ
A. ɔhene
B. ɔyaresafoɔ
C. nkonyaayifoɔ
D. ɔkɔmfoɔ
SHOW ANSWER
D. ɔkɔmfoɔ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ asranna, anansesɛm, mmɛ ne agya rekɔ ho.
33. Ɔbosome a ɛtɔ so nsia din de
A. Ahinime
B. Ayɛwɔhomumɔ
C. Kitawonsa
D. Oforisuo
SHOW ANSWER
B. Ayɛwɔhomumɔ
34. Nnafua aduasa na ɛwɔ abosome kuo yi mu.
A. Oforisuo, Ɛbɔ
B. Ɔpɛpɔn, Kɔtɔnimma
C. Ɔpɛnimma Obubuo
D. Ɔsannaa, Kitawonsa
SHOW ANSWER
A. Oforisuo, Ɛbɔ
35. Anansesɛm mu aberewa gyina hɔ ma
A. Nyinkyerɛ
B. Ntoboaseɛ
C. Nsekuro
D. Nyansa
SHOW ANSWER
D. Nyansa
36. Wosuro atɛkyɛ mpaboa a,
A. Wohyɛ n’atadeɛ
B. Wohyɛ ne kyɛ
C. Wofira ne ntoma
D. Wohyɛ ne pieto
SHOW ANSWER
C. Wofira ne ntoma
37. Abɔfra nnyinii a, ɔnsere
A. ɔgramoo
B. ɔkɛseɛ
C. akwatia
D. ateae
SHOW ANSWER
C. akwatia
38. Abɔfra repɛ kɔkɔɔ ahwɛ a, yɛde ………..kyerɛ no.
A. kogyan
B. mogya
C. ngo
D. damenama ahaban
SHOW ANSWER
D. damenama ahaban
39. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, ɔnkɔ nsuo nanso daa nsuo wɔ n’ankorɛ mu.
A. Kube
B. Aborɔbɛ
C. Ankaa
D. Amango
SHOW ANSWER
A. Kube
40. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ ɛkɔm de no a ɔda fam, sɛ ɔmee a na ɔgyina hɔ. Ɛyɛ
A. Ahina
B. Bɔtɔ
C. Ankorɛ
D. Bokiti
SHOW ANSWER
B. Bɔtɔ
2014 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two
PART I
COMPOSITION
1. Fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) twerɛ deɛ edidi soɔ yi mu baako ho asɛm.
a) Twerɛ w’adamfo pa ho asɛm.
b) Ka deɛ woyɛ no Memeneda biara.
c) Okuani ne Tikyani; hwan na ne ho wɔ mfasoɔ pa ara?
d) Twerɛ osuframa kɛseɛ bi a ɛbɔ sɛee nnoɔma wɔ wo mpɔtam ho asɛm.
SHOW ANSWER
PART II
COMPREHENSION
2. Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yin a bua nsɛmmisa no nyinaa.
Mfeԑ pii a atwam no, na Owia ne Nsuo yԑ nnamfoͻ pa ara. Na wͻn nyinaa te asaase yi so. Mpԑn pii no, na Owia taa sra Nsuo nanso Nsuo deԑ wankͻsra no da. Da koro bi, Owia bisaa Nsuo deԑ ntira ͻmmaa ne fie mmԑsraa no da. Nsuo buaa sԑ, ne fie hͻ sua, enti sԑ ͻne ne nkurͻfoͻ ba hͻ a, wͻbԑtu no afiri hͻ.
Afei, Nsuo kaa sԑ, “Sԑ wopԑ sԑ mebԑsra wo a, ԑwͻ sԑ wosi efie kԑseԑ; na mmom mebͻ wo kͻkͻ sԑ, ԑsԑ sԑ ԑhͻ yԑ efie kԑseԑ pa ara ԑfiri sԑ me nkorͻfoͻ dͻͻso na wͻbehia adan pii.”
Owia hyԑԑ bͻ sԑ ͻbesi efie kԑseԑ na ankyԑ biara ͻsan kͻͻ ne yere Bosome duruu fie. Adeԑ kyeeԑ no, ͻhyԑԑ aseԑ sԑ ͻresi efie kԑseԑ.
Ͻsi wieԑ no, Owia ka kyerԑԑ Nsuo sԑ, sԑ ade kye a, ͻmmԑsra no. Nsuo duruu hɔ no, ɔmaa no kwan wuraa mu a mpataa ne Nsuo mu mmoa bi ka ne ho.
Ankyɛ, Nsuo yiri duruu kotodwe, na afei ɔbu faa nipa ti so. Berɛ a Nsuo bisaa Owia sɛ ɔpɛ sɛ ne nkurɔfoɔ pii bɛka ho no, Owia ne Bosome baanu nyinaa buaa sɛ, “Aane” afei, Nsuo yiri faa hɔ nyinaa kɔpem sɛ Owia ne Bosome kɔpɛɛ baabi tenaeɛ wɔ nkyɛnsee no atifi.
Ankyɛ koraa Nsuo yiri faa nkyɛnsee no so maa Owia ne Bosome de ahometeɛ tu kɔtenaa ewim a ɛhɔ ayɛ atenaeɛ de besi nnɛ.
a) Mfeɛ pii a atwam no, ɛhefa na na Owia ne Nsuo te?
b) Kyerɛ ɔyɛfoɔ a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “Na Owia ne Nsuo yɛ nnamfoɔ pa ara.”
c) Adɛn nti na na Nsuo mpɛ sɛ ↄbɛkɔ akɔsra n’adamfo Owia?
d) Kyerɛ asɛmfua kuo a asɛmfua kɛseɛ fra mu.
e) Kyerɛ edin ahodoɔ a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “Owia hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsi efie kɛseɛ.”
f) Na Owia yere ne hwan?
g) Adɛn nti na Nsu ne ne nkurↄfo kↄsraa Owia?
h) Sɛ anka Owia ne Bosome ankɔtena nkyɛnsee no so a, wosusu sɛ ɛdeɛn na anka ɛbɛyɛ wɔn?
i) Adɛn nti na Owia ne Bosome nte asaase so bio?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm yi din.
SHOW ANSWER
a) Asaase so
b) Owia ne Nsuo
c) Owia fie hↄ sua
d) Edin nkyerεkyerεmu
e) Owia ne efie
f) Bosome
g) Owia asi efie kεseε no awie
h) Anka nsuo no bεyiri afa wↄn
i) Nsuo asεe wↄn fie.
j) Owia ne Nsuo ho asεm
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
3. Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa yi nyinaa ano.
Kyerɛ adeyɛ nsɛm a ɛwɔ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu.
a) Mmɔfra no dii aduane no nyinaa.
b) Asukuufoɔ no kɔ agoprama no so.
c) Asogyafoɔ no bɛyɛ ɛtwene wɔ asui no so.
d) Bra fie seesei ara.
e) Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ hyia Fiada biara.
Fa ɔkasamu ahodoɔ yi kɔ daabi kabea mu.
f) Akorɔmfoɔ no adwane kɔ.
g) M’awofoɔ bɛba ha.
h) Okuani no rehome.
i) Nom Nsuo no nyinaa.
j) Asukuufoɔ no bi sua adeɛ yie.
Fa atwerɛ mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twerɛ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu biara yie.
k) Enti wogye di sɛ ɔbɛba
l) Amma baa ha nanso wanhu me.
m) Ɔkaa sɛ, asɛm no yɛ nokorɛ
n) Kofi ka kyerɛɛ ne nnamfonom sɛ mentumi nyɛ saa
o) Wɔhyiaa Kwasiada Dwoada ne Benada
Fa nkabomdeɛ a ɛfata wie ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi.
p) Akosua kɔɔ hɔ………..wanhunu n’adamfo no.
q) Mɛnsa antɔ mpaboa no …………….na ɔnni sika.
r) Ansa sua adeɛ yie …………….ɔdii nkonim wɔ sɔhwɛ no mu.
s) Wobɛkɔ afuom…………..Nsuom?
t) Fati nte apɔ………ɔntumi nnidi yie.
SHOW ANSWER
a) Dii
b) kↄ
c) bεyε
d) bra
e) hyia
f) Akorɔmfoɔ no annwane kɔ.
g) M’awofoɔ mma ha.
h) Okuani no renhome.
i) Nnom nsuo no nyinaa.
j) Asukuufoɔ no bi nsua adeɛ yie
k) Enti wogye di sɛ ɔbɛba?
l) Amma baa ha nanso wanhu me.
m) Ɔkaa sɛ, “asɛm no yɛ nokorɛ”.
n) Kofi ka kyerɛɛ ne nnamfonom sɛ, “mentumi nyɛ saa”.
o) Wɔhyiaa Kwasiada, Dwoada ne Benada.
p) Nanso
q) Εfiri sε
r) Enti
s) Anaa
t) enti
Post a Comment