Twi 2011

 2011

GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2011 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER ONE

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ abusuabɔ ho.

1. Akanfoɔ gye di sɛ ɛna ma ne ba mogya na agya ma no……..

A. Sika
B. Abusua
C. Aduane
D. ɔkra

SHOW ANSWER

 

D. ɔkra

2. Edin a wɔfrɛ Ɛna mogya a ɔde ma ne ba ne……..

A. Ahoɔfɛ
B. Ntɔn
C. Saman
D. Abusua

SHOW ANSWER

D. Abusua

3. Sɛ woyɛ ɔbarima a, wo nuabaa ba yɛ wo………

A. Ba
B. Wɔfaase
C. Nana
D. Nanakansewa

SHOW ANSWER

 

B. Wɔfaase

4. Abusua ne ntɔn firi nnipa kuo bɛn hɔ?

A. Maame ne nana
B. Papa ne nana
C. Maame ne papa
D. Maame ne abusuapanin

SHOW ANSWER

 

C. Maame ne papa

5. Kyerɛ deɛ nti a ɛna ne mma da nso firi agya ho..

A. Wɔn na wɔfiri kuro no mu
B. Wɔn na daa wɔte fie
C. Wɔn na wɔbɔ abusua baako
D. Wɔn na wɔdi nkɔmmɔ

SHOW ANSWER

 

C. Wɔn na wɔbɔ abusua baako

6. Agya, Ɛna ne mma, hwan ne efie no ti?

A. ahantan
B. aniteɛ
C. tema
D. obuo

SHOW ANSWER

 

C. tema

7. Agya, Ɛna ne mma, hwan ne efie no ti?

A. Agya
B. Mma
C. Ɛna
D. Nkwadaa

SHOW ANSWER

A. Agya

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ wuo ne adedie ho.

8. Wɔfrɛ Akanfoɔ adedie sɛ…..

A. Papa adedie
B. Nana adedie
C. Sewaa adedie
D. Wɔfa adedie

SHOW ANSWER

 

D. Wɔfa adedie

9. Saa nnipa yi ase nsaeɛ a wɔfaaseɛ nni adeɛ

A. nniwaa mma
B. papa mma
C. nana mma
D. wɔfa mma

SHOW ANSWER

A. nniwaa mma

10. “Agya bi wu a, agya bi te ase” yɛ kasa a wɔka kyerɛ……

A. Akunafoɔ
B. Nwisiaa
C. Odiadefoɔ
D. Abusuapanin

SHOW ANSWER

B. Nwisiaa

11. Kasa a ɛdi akyiri a obi ka ansa na wawu na Akanfoɔ frɛ no……

A. Nsamanseɛ
B. Awugyamma
C. Kasaprɛko
D. Nkwa nsɛm

SHOW ANSWER

 

A. Nsamanseɛ

12. Berɛ bɛn na abusuafoɔ hyia bue owufoɔ adaka so?

A. Afe
B. Bosome
C. Adaduanan
D. Nnawɔtwe

SHOW ANSWER

 

C. Adaduanan

13. Duaba bɛn na Akanfoɔ de gyina hɔ ma onipahunu bi a wadi adeɛ?

A. Kwadu
B. Amango
C. Paya
D. Borɔferɛ

SHOW ANSWER

 

D. Borɔferɛ

14. Sɛ okunafoɔ bi mpɛ sɛ ɔware odiadefoɔ a, kasakoa a ɔka ne sɛ ɔbɛware…..

A. Mmoatia
B. Nkɔtɔ ne mmɛbɛ
C. Ne kunu saman
D. Nsamanpɔ mu

SHOW ANSWER

 

C. Ne kunu saman

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ afahyɛ ho

15. Afahyɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔde huro kɔm

A. Akwambɔ
B. Aboakyere
C. Ohum
D. Kundum

SHOW ANSWER

 

C. Ohum

16. Bakatue yɛ nnipa bɛn afahyɛ?

A. Adaafoɔ
B. Ɛdenafoɔ
C. Akyemfoɔ
D. Simpafoɔ

SHOW ANSWER

 

B. Ɛdenafoɔ

 

 

 

17. Kyerɛ kuro a edidi soɔ yi mu baako a wɔdi “Adɛɛ-kɛseɛ” afahyɛ.

A. Adaa
B. Kumase
C. Kyebi
D. Simpa

SHOW ANSWER

 

B. Kumase

18. Afahyɛ ho mfasoɔ titire baako ne sɛ……..

A. ɛde akobɔfoɔ ba fie
B. yɛkye akorɔmfoɔ
C. yetu ahemfo adeɛ so
D. ede ntↄkwa ba

SHOW ANSWER

A. ɛde akobɔfoɔ ba fie

19. Kyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ afahyɛ ne nkuro a edidi soɔ yi mu.

A. Keta-Aboakyere
B. Kumasi –Fetu
C. Somanya –Odwira
D. Axim- Kundum

SHOW ANSWER

D. Axim- Kundum

20. Aboa bɛn na Efutufoɔ kyere no wɔ afahyɛ berɛ?

A. Ɔtwe
B. Ɔnwansan
C. Ɔtorɔm
D. Nantwie

SHOW ANSWER

B. Ɔnwansan

21. Nsɛm a edidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ nokorɛ wɔ afahyɛ ho?

A. Afahyɛ de anigyeɛ ba
B. Afahyɛ sɛe mmerɛ
C. Akobɔfoɔ ba fie
D. Nkyirimma sua amammerɛ

SHOW ANSWER

 

B. Afahyɛ sɛe mmerɛ

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nnabuo ho.

22. Bosome dodoɔ sɛn na yɛnya wɔ afenhyia baako mu?

A. Dumienu
B. Dubaako
C. Dunkron
D. Dummiɛnsa

SHOW ANSWER

 

A. Dumienu

23. Bosome a ɛtɔ so dumienu no din de…..

A. Ogyefuo
B. Ɔbɛnem
C. Ɔpɔpɔn
D. ?p?nimaa

SHOW ANSWER

 

D. Ɔpɛnimaa

24. Bosome bɛn mu na Simpafoɔ kyere aboa?

A. Kɔtɔnimma
B. Ayɛwohomumɔ
C. Ɔsanaa
D. Obubuo

SHOW ANSWER

 

A. Kɔtɔnimma

 

 

25. Bosome yi kura nnafua aduasa.

A. Ɛbɔ
B. Kitawonsa
C. Ogyefuo
D. Ahinime

SHOW ANSWER

 

A. Ɛbɔ

26. Bosome bɛn na Akristofoɔ di Yesu awoda?

A. Ogyefuo
B. Ɔpɛpɔn
C. Ɔpɛnimaa
D. Ɔsannaa

SHOW ANSWER

 

C. Ɔpɛnimaa

27. Kyerɛ amanne titire a Akanfoɔ di no dabɔne biara..

A. wogu nsa
B. wɔyɛ ayi
C. wɔyɛ asie
D. wɔbu sika ho nkonta

SHOW ANSWER

 

A. wogu nsa

 

28. Hyehyɛ bosome a edidi soɔ yi nnidisoɔ-nnidisoɔ

A. Ɔpɛpɔn, Ɔpɛnimaa, Ogyefuo
B. Ɔpɛnimaa, Ɔpɛpɔn, Ogyefuo
C. Ogyefuo, Ɔpɛnimaa, Ɔpɛpɔn
D. Ɔpɛpɔn, Ɔgyefuo, Ɔbɛnem

SHOW ANSWER

 

D. Ɔpɛpɔn, Ɔgyefuo, Ɔbɛnem

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ho.

29. Toa bɛ yi so “Ɛkaa nwa ne akyekyedeɛ nko ara a anka….”

A. etuo rento wɔ kwaeɛ mu
B. aboa biara nkye ne yɔnko
C. abɔfoɔ biara renkɔ wura mu
D. nnipa nnya nam nwe

SHOW ANSWER

 

A. etuo rento wɔ kwaeɛ mu

30. Mpaninfoɔ bu bɛ sɛ, “Borɔferɛ a ɛyɛ dɛ na……”

A. mmɔfra die
B. yɛtɔn wɔ dwa mo
C. nnomaa die
D. abaa da aseɛ

SHOW ANSWER

 

D. abaa da aseɛ

31. “Sɛ atuduro asa a, na ɛnyɛ…..”

A. Ɔhene toa mu
B. Akowua ntoa mu
C. Ɔbɔmmɔfoɔ bɔtɔ mu
D. Asafo bɔtɔ mu

SHOW ANSWER

 

B. Akowua ntoa mu

32. “Anomaa nua ne nea ɔne no da duakorɔ” kyerɛ Akanfoɔ……

A. ayɔnkofa
B. efie tena
C. abusuabɔ
D. ntɔn bɔ

SHOW ANSWER

 

C. abusuabɔ

 

 

33. Ɛbɛ, “baanu so a emmia” kyerɛ

A. Aniteɛ
B. Nkabom
C. Asisie
D. asondwoeɛ

SHOW ANSWER

 

B. Nkabom

34. Ɔkɔtɔ nwo anomaa kyerɛ sɛ obi suban sɛ…….

A. N’awofoɔ
B. N’adamfo
C. Ne nua
D. Ne sewaa

SHOW ANSWER

 

A. N’awofoɔ

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ atetesɛm ne anansesɛm ho.

35. Yei yɛ anwonwadeɛ ahodoɔ no mu baako a Ɔkɔmfo Anɔkye yɛeɛ?

A. Ɔde afena wɔɔ fam ma ɛkaa hɔ
B. Ɔpaee asubɔnten mu mmienu
C. Oduaa bebe wɔ wiem
D. Ɔnyanee owufoɔ

SHOW ANSWER

 

A. Ɔde afena wɔɔ fam ma ɛkaa hɔ

36. Kyerɛ adeɛ baako bi a Asebu Amanfi yɛ de gyee din

A. Ɔtɔnn nnipa maa Aborɔfo
B. Ɔwee nnipa nam
C. Ɔnante firii mpoano kɔɔ serɛm
D. Ɔwee aburo pata

SHOW ANSWER

 

D. Ɔwee aburo pata

37. Sɛ yɛbɔ Sikadwa Kofi din a, onipa bɛn na yɛkae no?

A. Asebu Amanfi
B. Ansa Sasraku
C. Ɔkɔmfo Ntiamoa
D. Ɔkɔmfo Anɔkye

SHOW ANSWER

 

D. Ɔkɔmfo Anɔkye

 

 

 

 

38. Kyerɛ baabi a ahemfo yi ase firi ; Obunumankoma, Ɔdapagyan ne Ɔson..

A. Okuapemman
B. Fanteman
C. Asanteman
D. Firaw agya

SHOW ANSWER

 

B. Fanteman

39. Kwaku Ananse ba panin din de….

A. Afurudohwedohwee
B. Nnakorɔnhwea
C. Ntikuma
D. Tikenenkene

SHOW ANSWER

 

C. Ntikuma

40. Suban bɛn na ɔsebɔ da no adi wɔ anansesɛm mu?

A. Ɔboafo
B. Ahobrɛaseɛ
C. Asisie
D. Awiɛmfoɔ

SHOW ANSWER

 

C. Asisie

 

GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2011 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER TWO

 

PART I
COMPOSITION

1. Fa nsɛmfua bɛyɛ ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa twerɛ deɛ edidi soɔ yi mu baako ho asɛm.

a) Twerɛ krataa kɔma w’adamfo a ɔwɔ sukuu foforɔ mu na kyerɛ no nsrahwɛ bi a wokɔɔ no nnansa yi.
b) Twerɛ sɛdeɛ wɔnwene kɛntɛn anaa kɛtɛ.
c) Akrɔmfoɔ werɛmfoɔ bi baa mo fie anadwo bi. Twerɛ deɛ ɛsiiɛ nyinaa.
d) Wopɛ sɛ woyɛ Tikyani anaa Nɛɛse?

 

 

PART II
COMPREHENSION

Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2. Da bi maame bi ne ne ba ketewa bi kɔɔ afuom. Ɔde abɔfra no kɔtoo dua bi ase. Berɛ a ɔreyɛ adwuma no, abɔfra no suiɛ. Ɔkɔmaa no nufuɔ san dedaa no dua no ase. Ɔkɔtoaa n’adwuma no so. Abɔfra no sane suu bio. Saa berɛ yin a ɔkɔreɛ mmɔborohunufoɔ bi bɛkotoo abɔfra no ho de n’ataban huhuu ne ho. Maame no huu saa no, ɔbɔɔ hu na ɔteaa mu. Ɔrekɔ ne ba no ho ara pɛ, na ɔkɔreɛ no tu kɔeɛ. Ɔsane kɔmaa abɔfra no nufuɔ bio de no hyɛɛ n’akyi. Ɔkɔɔ fie no wanka hwee ankyerɛ ne kunu.
Adeɛ kyeeɛ no, maame no sane kɔɔ afuom hɔ. asɛm korɔ no ara sane sii bio. Da no deɛ, ɔbɔɔ ne kunu amanneɛ, nanso wannye n’asɛm no anni. Ne nnansa soɔ no, maame no san kɔɔ afuo no mu. Abɔfra no firii aseɛ suuiɛ no, maame no kɔfrɛɛ ne kunu. Papa no faa n’agyan ne mmɛmma mmiɛnsa. Wɔduruu afuo no mu no, maame no maa ne kunu kɔhuntaeɛ na ɔkɔ so yɛɛ adwuma.
Abɔfra noo suu denden. Deɛ papa no hunuu ne sɛ, ɔkɔreɛ no abɛtutu abɔfra no ho. Papa no ho dwirii no. Ɔgyenee n’ani too n’agyan no bɔɔ ɔkɔreɛ no. Ɔkɔreɛ no twee ne ho. Agyan no wɔɔ abɔfra no. na ɔkɔreɛ no tu kɔɔ dua bi so. Papa no ne ne yere no hyɛɛ aseɛ suu dendenden berɛ a wɔhunuu sɛ wɔn ba no aka baabi no. Ɔkɔreɛ no kaa sɛ, “Wɔmfa bɔne ntua papa so ka.”

a) Da a ɛdi kan a maame no hunuu ɔkɔreɛ no, deɛn na ɔyɛeɛ?
b) Deɛn na ɔkɔreɛ no yɛɛ abɔfra no?
c) Mprɛ sɛn na maame no hunuu ɔkɔreɛ no?
d) Adɛn nti na da a ɛdi kan no, maame no anka asɛm no ankyerɛ ne kunu?
e) Adɛn nti na papa no annye ne yere asɛm no anni?
f) Deɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkɔreɛ no amma sɛ ɔrebɛyɛ abɔfra no bɔne bi?
g) Kyerɛ asɛm yi ase; kohuntaeɛ.
h) Deɛn nsɛm na ɛwɔ ayɛsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ abɔfra no awu.
i) Kyerɛ wei ase: “Wɔmfa bɔne ntua papa so ka”.
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm yi din.

 

ANSWERS

 

a) ↃTEATEA mu
b) Ↄde n’ataban no huhuu abↄfra no.
c) Mprεnsa
d) Na osuro sε ne kunu no bo bεfu no
e) Asεm no yεε no nwanwa.
f) Ↄkↄreε no ansosↄ abↄfra no.
g) kↄtεε baabi
h) wohunuu sε wↄn ba no aka baabi
i) obi yε wo papa a da no ase.
j) Boniayε so akatua.

 

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE

Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔkasamu a edidi soɔ yi biara mu.

3. Twerɛ edin asɛmfua a ɛwɔ ɔkasamu a edidi soɔ yi biara mu.

a) Nnora ɔboroo abarima no.
b) Anigyeɛ wɔ ha.
c) Wɔwɔ afuo
d) Mɛnsa rekasa
e) Yehia asomdwoeɛ

Fa atwerɛ mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twerɛ ɔkasamu a edidi soɔ yi mu biara yie.
f) Ɔde mango anka ne aborɔbɛ baeɛ.
g) Ghana ahenkuro ne nkran
h) Ɛhefa na wɔkaeɛ
i) Papa no maa boatemaa sika
j) Hɛ gyae

Twerɛ edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu a edidi soɔ yi mu biara mu.
k) Maame no fura ntoma tuntum.
l) Anomaa ketewa no tu kɔeɛ.
m) Wɔakum abirekyie kɛseɛ no.
n) Papa no boroo ne babarima onihafoɔ no.
o) Ɔbaa no wɔ atadeɛ dada bi.

Twerɛ nsɛmfua a wɔasensan aseɛ no mu biara abirabɔ.
p) Abɔfra no tee fie no anim.
q) Fa sika no hyɛ adaka no ase.
r) Papa sikani no aba.
s) Kwaku resu.
t) Tena ha.

ANSWERS

 

a) abarima
b) Anigyeɛ
c) afuo
d) Mɛnsa
e) asomdwoeɛ
f) Ɔde mango, anka ne aborɔbɛ baeɛ.
g) Ghana ahenkuro ne Nkran
h) Ɛhefa na wɔkaeɛ?
i) Papa no maa Boatemaa sika.
j) Hɛ gyae!
k) tuntum.
l) ketewa.
m) kɛseɛ
n) onihafoɔ
o) dada
p) akyi
q) soro
r) ohiani
s) resere
t) hↄ

Post a Comment

Featured Post