Twi 2018

 

2018

Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One

1. Berɛ a me sewaa woeɛ no, n’awofoɔ kɔmaa no

A. Yaakɔ
B. Dammirifua
C. Afirim
D. Due

SHOW ANSWER

C. Afirim

2. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaaba

A. Obi a ɔretu kwan
B. Obi a waware foforo
C. Obi a ɔfiri akwantuom aba
D. Obi a yɛakye no sɛ ɔrewia adeɛ

SHOW ANSWER

C. Obi a ɔfiri akwantuom aba

3. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛ

A. Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyea
B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
C. Yɛkyea firi nifa so
D. Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyea

SHOW ANSWER

B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no

4. Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne-onwunu?

A. Anwummerɛ
B. Anɔpa
C. Prɛmotobrɛ
D. Awia

SHOW ANSWER

A. Anwummerɛ

5. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɔkanni ba biara di kan nya

A. Aborɔfo din
B. Kradin
C. Adakam dim
D. Abusua din

SHOW ANSWER

B. Kradin

6. Akanfoɔ abadintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosɔ abofra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ ma

A. Aniɛden
B. Akokoɔduro
C. Anoteɛ
D. Nokorɛdie

SHOW ANSWER

C. Anoteɛ

 

7. Akanfoɔ tumi bɔ Kofi mmrane sɛ

A. Ogyam
B. Bodua
C. Atoapoma
D. Tuo/ kyini

SHOW ANSWER

D. Tuo/ kyini

8. Sɛ ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ ɔbaa ne barima a yɛka sɛ wawo

A. Ahuhuro ne Awɔ
B. Takyi ne Kuro
C. Ahum ne Aham
D. Sika ne Amaneɛ

SHOW ANSWER

B. Takyi ne Kuro

9. Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?

A. Kontɔ
B. Mɛnsa
C. Adantam
D. Ahuhuro

SHOW ANSWER

A. Kontɔ

10. Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?

A. Ne sewaa ba
B. Ne kora
C. N’akumaa
D. N’ase

SHOW ANSWER

C. N’akumaa

11. Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?

A. Ne nuabaa ba
B. Ne nana ba
C. Ne nuabarima ba
D. Ne wɔfa ba

SHOW ANSWER

A. Ne nuabaa ba

12. Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman mu

A. Kawa
B. Tiri nsa
C. Ayeforɔ
D. Danta

SHOW ANSWER

B. Tiri nsa

 

 

13. Akanfoɔ frɛ aduane edi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no nen ne nkurɔfoɔ sɛ

A. Aduanekan
B. Aduanewoɔ
C. Aduanekɛseɛ
D. Aduanepa

SHOW ANSWER

C. Aduanekɛseɛ

14. Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛ

A. N’awareɛ no asɔ twann
B. N’awareɛ no adi nkunim
C. N’awareɛ no atu mpɔn
D. N’awareɛ no agu koraa

SHOW ANSWER

D. N’awareɛ no agu koraa

15. Akanfoɔ bragorɔ mu, sɛ wohunu sɛ dua tua ɔbrani no ano a, ɛkyerɛ sɛ

A. Ɔyɛ agyanka
B. Ne maame wuiɛ nkyɛreeɛ
C. Ɛkɔm de no
D. Obi asi no asiwa

SHOW ANSWER

D. Obi asi no asiwa

16. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ gye sɛ

A. Woredidi na worenom nsuo
B. Wode wo nsa benkum si fam berɛ a woredidi
C. Wo ne wo papa redidi na wodi kan sɔre
D. Woredidi na woreto dwom

SHOW ANSWER

A. Woredidi na worenom nsuo

17. Sɛ obi ka ntam wɔ Akanman mu a, hwan na ɔkye ne dedua?

A. Ɔkyeame
B. Ɔhene
C. Ahenkwaa
D. Dabehene

SHOW ANSWER

B. Ɔhene

18. Akanfoɔ ayiyɛ mu no, sɛ mmaa su kɔ tia ba tia ansa na wɔahyɛ ayie no ase a, yɛka sɛ wɔreto

A. Ayikan
B. Ayinan
C. Sudwere
D. Sukan

SHOW ANSWER

B. Ayinan

 

 

19. Akanfoɔ frɛ nkra a obi a ɔrewu ne n’abusuafoɔ di no sɛ

A. Nsamankɔm
B. Nsamankra
C. Nsamanseɛ
D. Nsamantoa

SHOW ANSWER

B. Nsamankra

20. Sɛ obi wu na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ sodoɔ a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛ

A. Owufoɔ no anwo ba
B. Owufoɔ no wuu atɔfowuo
C. Owufoɔno anyare anna hɔ ankyɛ
D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu

SHOW ANSWER

D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu

21. Akanfoɔ amammerɛmu no, sɛ ɔbarima bi wu gya ne yere akyire a, ɛdi nna sɛn na ɔbaa no tumi ware foforɔ?

A. Abosome nkron
B. Afe
C. Abosome nsia
D. Abosome mmiɛnsa

SHOW ANSWER

B. Afe

22. Sɛ wɔde obi di hene a, edin bɛn na Akanfoɔ de to abɔfra ɔbɛdi kan awo no?

A. Kantinka
B. Ahenkan
C. Bɛkoe
D. Piesie

SHOW ANSWER

B. Ahenkan

23. Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na wɔfrɛ no “ɔhene yere”?

A. Ɛsɛn
B. Kontihene
C. Dabehene
D. Ɔkyeame

SHOW ANSWER

A. Ɛsɛn

24. Sɛ ɔhene yɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako a, wɔtumi gyina so tu no.

A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
B. Ɔbɛhyɛ atadeɛ apue
C. Sɛ ɔbɛbɔ tikwa
D. Sɛ ɔbɛdi nkɔmmɔ wɔ abɔnten

SHOW ANSWER

A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
 

 

25. Wɔdi Apoɔ afahyɛ wɔ mantam bɛn mu?

A. Apueeɛ mantam
B. Asante mantam
C. Bono Ahafo mantam
D. Atɔeɛ mantam

SHOW ANSWER

C. Bono Ahafo mantam

26. Edin foforɔ a Akanfoɔ de frɛ Akwasidɛɛ ne

A. Kurukwasie
B. Nkyekwasie
C. Kwakwasie
D. Monokwasie

SHOW ANSWER

A. Kurukwasie

27. Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bese na ɔburu sɛ

A. Kookooase
B. Ahyiaeɛm
C. Ahyehyɛeɛ
D. Abɔeɛ

SHOW ANSWER

D. Abɔeɛ

28. Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeɛn na ɔyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?

A. Ɔbotabota nnuaa ho
B. Ɔgu ahahan
C. Ɔde akaadoo gugu kwan no so
D. Ɔde nso gugu kwan no so

SHOW ANSWER

A. Ɔbotabota nnuaa ho

29. Sɛ ɔbɔfoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdware

A. Ayeraduro
B. Sasaduro
C. Abɔpɔnduro
D. Atuduro

SHOW ANSWER

B. Sasaduro

30. Obi a ɔsene nnua de yɛ akuaba, asɛsɛdwa, waduro, ntwene ne ade no, wɔfrɛ no sɛn

A. Duadwonfoɔ
B. Ɔtomfoɔ
C. Sikadwomfoɔ
D. Dadedwomfoɔ

SHOW ANSWER

A. Duadwonfoɔ

 

 

31. Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?

A. Nsia
B. Num ne fa
C. Num
D. Nsia ne fa

SHOW ANSWER

A. Nsia

32. Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ so

A. Nan
B. Nsia
C. Nwɔtwe
D. Du

SHOW ANSWER

D. Du

33. Mpanin se, “Aberewa bɛdi twɛdeɛ a na ɛfiri….”

A. Ne se
B. Ne poma
C. N’ano
D. N’anim

SHOW ANSWER

C. N’ano

34. Seantie ne ɔnwam

A. Atikɔpɔ
B. Awiawuo
C. Amanenya
D. Awiasu

SHOW ANSWER

A. Atikɔpɔ

35. Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?

A. Abɔfra bɔ nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛ
B. Wote faako a, wote w’adeɛ so
C. Deɛ odwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔ
D. Niwaa mma nsaeɛ a, wɔfase nni adeɛ

SHOW ANSWER

B. Wote faako a, wote w’adeɛ so

36. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, sɛ wotia n’ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. Ɛyɛ deɛbɛn?

A. Ɔkra
B. Dadefidie
C. Aponkyerɛnne
D. Dadepɔnkɔ

SHOW ANSWER

B. Dadefidie

 

37. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onipa mpɛ n’asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wobɔ wo nsam ma no. Ɛyɛ deɛn?

A. Ntontom
B. Ɔwɔ
C. Nantwie
D. Akorɔma

SHOW ANSWER

A. Ntontom

38. Deɛ ɛdidi soɔ yi nyina yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛ

A. ɛyɛ atetesɛm
B. ɛyɛ abakɔsɛm
C. ɛyɛ bɔsremka
D. ɛyɛ akokɔdurusɛm

SHOW ANSWER

C. ɛyɛ bɔsremka

39. Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?

A. Ɔkɔmfo Anɔkye
B. Aseibu Amamfi
C. Didifuro Kwadwo
D. Ɔkɔmfo Tuwoda

SHOW ANSWER

B. Aseibu Amamfi

40. Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛtene

A. Ansa sasraku
B. Tweneboa Kodua
C. Agyabirinti Mɛnsa
D. Ɔkɔmfo Anɔkye

SHOW ANSWER

D. Ɔkɔmfo Anɔkye

 

2018 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two

PART I
COMPOSITION

 

1. Fa nsɛmfua a ɛnsua nsene ɔha aduonum (150) twerɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako ho asɛm.

a) Twerɛ adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no daakye.
b) Twerɛ lɛtɛ kɔma w’adamfo na kyerɛ no sɛdeɛ wopɛ sɛ wodi afe yi bronya akwamma no.
c) Twerɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔwɔ wo sukuu mu a wopɛ n’asɛm pa ara ho asɛm.
d) Twerɛ akyɛde sononko bi a wonya firii w’adamfo bi hɔ nnansa yi.

 

PART II
COMPREHENSION

 Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa
 

2. Da koro bi ayeforɔ bi kɔɔ efie a ɛtoa so kɔsoo gya. Berɛ a ɔduruu hɔ no, na obiara nni fie hɔ ka abɔfra bi a ɔda kɛtɛ so nko ara. Ayɛforɔ no hunuu adanko bi a wɔaho no akɔnnɔakɔnnɔ wɔ gya no so. Ɔtwaa n’ani hwɛɛ ha , hwɛɛ ha na ɔtuu adanko no serɛ baako weeɛ. Na ɛyɛ dɛ yie nti ɔfaa ne serɛ baako bio de siee ne ntoma mu. Afei ɔtuu egya a ɛredɛre no bi baa fie.
Berɛ a abɔfra no maame baeɛ no, ɔbisaa sɛ “Hwan na wawia me nam no bi?” Na abɔfra no kaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ no. Ntɛm ara maame no kɔɔ ayeforɔ no fie hɔ kɔkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛ maa obiara teeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ wɔn nsam kaa sɛ, “Ɔkorɔmfoɔ oo! Ɔkorɔmfoɔ oo!”, de dii ayeforɔ no akyi. Yei yɛɛ ayɛforɔ no aniwuo maa ɔdwane firii fie hɔ kɔhyɛɛ ne ho akomfo.
Onyankopɔn tee saa awereɛhosɛm yi ne mmɔfra aniammɔhosɛm a wɔka ma ɛde amaneɛ brɛ wɔn maamenom no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔmma mmɔfra nkasa berɛ a wɔnyiniiɛ. Ɔfaa afaseɛ paepae mu na ɔtwerɛtwerɛɛ anim. afei ɔde deɛ atwerɛtwerɛeɛ no hyɛɛ abɔfra no menemu.
Ɛfiri saa berɛ no, mmɔfra a wɔwoo wɔn foforɔ no antumi ankasa bio. Ɛberɛ biara a wɔpɛ sɛ wɔkasa no na amamane fitaa bi afiri wɔn anom aba. Berɛ a wɔrenyini na wɔrehunu nyansa no, saa amamane no so te ma wɔhyɛ aseɛ kasa nkakrankakra. Akyire yi koraa no, sɛ wɔnyini na wɔhunu nyansa a amamane no gyae koraa ma wɔtumi kasa yie.

a) Adɛn nti na ayeforɔ no kɔɔ efie a ɛtoa ne deɛ so hɔ?
b) Na abɔfra no wɔ he?
c) Ɛdeɛn na ayeforɔ no yɛeɛ wɔ efie a ɛtoa ne so no?
d) Ɛdeɛn na ɛsiiɛ berɛ a abɔfra no maame baeɛ?
e) Adɛn nti na ɔbaa no kaa ayeforɔ no nneyɛɛ bɔne no kyerɛɛ afoforɔ?
f) Ɛdeɛn na Onyankopɔn yɛɛ adwene sɛ ɔbɛyɛ
g) Hwan na Onyankpɔn de soboɔ bɔɔ no pa ara?
h) Adwene bɛn na Onyakopɔn nya faa ayeforɔ no wuo no ho?
i) Kyerɛ saa nsɛmfua yi ase sɛdeɛ wɔdi adi dwuma wɔ abasɛm yi mu: aniammɔnhosɛm.
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm no din.

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE

 Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa ano.

3. Fa edinnsiananmu a ɛfata ma nsɛmfua a wɔasensan aseɛ no.
a) Kofi ne Amma yɛ nnamfonom.
b) Papa no de nwoma no maa Abena ne Kwabena.
c) Me ne Kofi kɔɔ dwam.
d) Ɔde nwoma no maa tikyani no.
e) Kofi nuabaa no wɔ sika pa ara.

Kyerɛ nsɛmfuakuo a nsɛmfua a wɔasensan aseɛ no firi mu.
f) Wɔn nyinaa baa ha anɔpa yi.
g) Ataadeɛ dada yi yɛ me dea.
h) Saa mmeranteɛ yi kasa dodo.
i) Osukuuni biara mmra sukuu ɔkyena.
j) Abenaa ne Adwoa yɛɛ adwuma no yie.

Twerɛ nsɛmfua a wɔasensan aseɛ yi abirabɔ.
k) Okuani no maa me amango kɛseɛ bi.
l) Mpanimfoɔ bi mpɛ aduro nwononwono nom.
m) Asikafoɔ bebree wɔ saa ɔman ketewa no mu.
n) Nnipa pii ani gye kuayɛ ho.
o) Mmaayewa no mu bi yɛ mmɔdenmmɔfoɔ.

Twerɛ nkabomdeɛ a ɛwɔ ɔkasamu yi biara mu.
p) Kofi ne Amma dii aduane no nyinaa.
q) Ɔbaa fie hɔ nanso wanto me.
r) Me maame boa nkurɔfoɔ ɛfiri sɛ ɔwɔ sika.
s) Noa aduane no na di bi.
t) Wobɛdi fufuo anaa banku?

1 Comments

Post a Comment

Featured Post