Twi 2010

 

2010

 GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2010 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER ONE

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ abusuabɔ ho.

1. Saa nnipa yi mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ wo papa busuani? Wo papa

A. Akonta
B. Ba
C. Sewaa
D. Wɔfa

SHOW ANSWER

 

C. Sewaa

2. Sɛ Akanfoɔ ka sɛ bogya a, na ɛkyerɛ sɛn?

A. Abusua
B. Adamfo
C. Akyiwadeɛ
D. Awareɛ

SHOW ANSWER

 

A. Abusua

3. Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ onipa biara wɔ ɔkra ne sunsum. Kyerɛ edin foforɔ a yɛde frɛ sunsum

A. Abusua
B. Bogya
C. Ntɔn (Ntorɔ)
D. Saman

SHOW ANSWER

C. Ntɔn (Ntorɔ)

4. Kyerɛ deɛ enti a ɔba ne ɛna yɛ abusuafoɔ.

A. Wɔbɔ abusua korɔ
B. Wɔbɔ ntɔn korɔ
C. Wɔwɔ adwene korɔ
D. Wɔwɔ sunsum korɔ

SHOW ANSWER

 

A. Wɔbɔ abusua korɔ

5. Ɔkwan bɛn so na Akanfoɔ nam bɔ agya abusua?

A. Abusuabɔ
B. Awareɛ
C. Kunayɛ
D. Owuo

SHOW ANSWER

 

B. Awareɛ

6. Sɛ wo papa ware mmaa baanu a, ɔbaa baako no yɛ wo maame deɛn?

A. Abanoma
B. Akumaa
C. Kora
D. Sewaa

SHOW ANSWER

 

C. Kora

7. Nneyɔeɛ a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ akyiwadeɛ? Sɛ woware….

A. Papa ba
B. Sewaa ba
C. W’adamfo ba
D. Wɔfa ba

SHOW ANSWER

 

A. Papa ba

8. Ɛdeɛn na ɛma obi hunu sɛ ɔne ɔfoforɔ som agya bosom baako? Sɛ…

A. Wɔbɔ abusua korɔ
B. Wɔn akyiwadeɛ yɛ pɛ
C. Wɔfiri kuro baako
D. Wɔyɛ bogya korɔ

SHOW ANSWER

 

B. Wɔn akyiwadeɛ yɛ pɛ 

9. Abusua bɛn na wɔgye di sɛ wɔde egya baa wiase?

A. Aduana
B. Asona
C. Ɔyoko
D. Biretuo

SHOW ANSWER

 

A. Aduana

10. Abusua bɛn na wɔne akraboa din sɛ?

A. Aduana
B. Agona
C. Asona
D. Ɛkoɔna

SHOW ANSWER

 

D. Ɛkoɔna

 

 

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ adedie ne ahensɛm ho.

11. Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a, wɔde no kɔkyerɛ ……..kan.

A. Abakomahene
B. Amankrado
C. Gyaasehene
D. Sanaahene

SHOW ANSWER

B. Amankrado

12. Berɛ bɛn na woyi odiadefoɔ?

A. Adaduanan du a
B. Da a onipa no bɛ wu no
C. Wɔnom sikasa wie a
D. Wɔyɛ dɔteyie wie a

SHOW ANSWER

 

C. Wɔnom sikasa wie a

13. Abusua bɛn mu na wɔyi odiadefoɔ firi?

A. Okunafoɔ abusua mu
B. Owufoɔ no abusua mu
C. Owufoɔ no papa abusua mu
D. Ɔhene abusua mu

SHOW ANSWER

 

B. Owufoɔ no abusua mu

14. Sɛ obi …….ampene a, onii no ntumi nni obi adeɛ.

A. Maame
B. Nana
C. Papa
D. Wɔfa

SHOW ANSWER

C. Papa

15. Nnipa baanu bɛn na wɔbɔ mu si ɔhene anan mu?

A. Ɔhemaa ne Abusuapanin
B. Ɔhemaa ne Amankrado
C. Ɔhemaa ne Gyaasehene
D. Ɔhemaa ne Dabehene

SHOW ANSWER

B. Ɔhemaa ne Amankrado

16. Toa asɛm yi so; Sɛ niwaa mma nsaeɛ a…..nni adeɛ.

A. Maame
B. Nana
C. Onua
D. Wɔfaase

SHOW ANSWER

 

D. Wɔfaase

17. Nkroma te hɔ a Badu nni adeɛ. Yei kyerɛ sɛ…….

A. Abɔfra wɔhɔ a, ɔpanin nni adeɛ
B. Badu mma nkroma nni adeɛ
C. Wɔfaase wɔhɔ a onua nni adeɛ
D. ɔpanin wɔ hɔ a, abɔfra nni adeɛ

SHOW ANSWER

 

D. ɔpanin wɔ hɔ a, abɔfra nni adeɛ

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ afahyɛ ho.

18. Aboa bɛn na Simpafoɔ kyere de di Aboakyere afahyɛ?

A. Ɔkankane
B. Ɔnwansane
C. Ɔsebɔ
D. Ɔtorɔmo

SHOW ANSWER

B. Ɔnwansane

19. Kyerɛ botaeɛ a Akyemfoɔ gyina so de di Ohum

A. Wɔde frɛ dɔm
B. Wɔde gye wɔn ani
C. Wɔde huro ɔkɔm
D. Wɔde sua amammerɛ

SHOW ANSWER

C. Wɔde huro ɔkɔm

20. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?

A. Akuapemfoɔ
B. Bonofoɔ
C. Dwaben foforɔfoɔ
D. Kwawufoɔ

SHOW ANSWER

C. Dwaben foforɔfoɔ

21. Ns?m a ?didi so? yi de? ?w? he na ?y? nokor??

A. Afahyɛ deɛ ka ba
B. Afahyɛ kyerɛ abusua ase
C. Afahyɛ ma yɛhuu amammerɛ
D. Afahyɛ sɛe berɛ kwa

SHOW ANSWER

 

C. Afahyɛ ma yɛhuu amammerɛ

22. Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔhwɛ Bakatue afahyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ…………

A. Ɛdena
B. Akyemfo
C. Odwaa
D. Simpa

SHOW ANSWER

 

A. Ɛdena

23. Afahyɛ bɛn na Akuapemfoɔ die?

A. Akwammɔ
B. Apoɔ
C. Ohum
D. Odwira

SHOW ANSWER

D. Odwira

24. ………..yɛ amammerɛ bi a ɛkyerɛ da titire bi a atwa mu wɔ ɔman bi abrabɔ mu

A. Afahyɛ
B. Anansesɛm
C. Bragorɔ
D. Nsaguo

SHOW ANSWER

A. Afahyɛ

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ho.

25. Toa ɛbɛ yi so. Etire nte sɛ borɔferɛ na……..

A. Yɛabue so
B. Yɛapae mu
C. Yɛatwam
D. Yɛawoso

SHOW ANSWER

B. Yɛapae mu
 

26. Kontromfi se: me suman ne ……

A. M’adwene
B. M’ani
C. Me nan
D. M’aso

SHOW ANSWER

B. M’ani

27. Nsɛm a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?

A. Yɛde ɛbɛ kyerɛ kasakoa ase
B. Yɛde ɛbɛ toa ɛbɛ so
C. Yɛde ɛbɛ twa asɛm tenten tia
D. Yɛde ɛbɛ si kasakoa anan mu

SHOW ANSWER

 

C. Yɛde ɛbɛ twa asɛm tenten tia

28. Mpanin se; Nsamanpom soduro, wo ni wu a, na ………asa.

A. W’abusua
B. Wo nkorɔfoɔ
C. Wo nnamfonom
D. Wo nuanom

SHOW ANSWER

 

A. W’abusua

29. Anomaa antu a, ………

A. ɔbua da
B. ɔgyina hɔ
C. ɔsi faako
D. ɔte hɔ

SHOW ANSWER

A. ɔbua da

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ atetesɛm ne anansesɛm ho.

30. Hwan na tete no na wɔse ɔwe aburopata no?

A. Aduobi Ata
B. Ampomfi
C. Asebu Amanfi
D. Atakora

SHOW ANSWER

C. Asebu Amanfi

31. Tete no na wɔse Onyankopɔn bɛn nnipa. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ sorosoro?

A. Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no
B. Abɔfra bi tia ne nan so
C. Obi hwiee nsuo guu ne so
D. Papa bi too ɔboɔ bɔɔ no

SHOW ANSWER

A. Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no

32. Sɛn na wɔfrɛ ɛdwom a atiefoɔ to wɔ anasesɛm mu?

A. Abraa braa
B. Aho
C. Mmoguo
D. Nnwonkorɔ

SHOW ANSWER

 

C. Mmoguo

33. Anansesɛm botaeɛ titire ne sɛ…..

A. Wɔde bɔ nkɔmmɔ
B. Wɔde gyegye mmofra agorɔ
C. Wɔde tu fo
D. Wɔde twa asɛm tia

SHOW ANSWER

 

C. Wɔde tu fo

34. Anasesɛm mma mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ aniteɛ pa ara?

A. Akokɔ Antwiwaa
B. Ananse
C. Ntikuma
D. Ɔkraman

SHOW ANSWER

 

B. Ananse

35. Sɛ yɛka sɛ anansesɛm mfimfini a na ɛkyerɛ……

A. Anansesɛm no ankasa
B. Anansesɛm no awieɛ
C. Mmoguo
D. ɔfrɛ

SHOW ANSWER

 

A. Anansesɛm no ankasa

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ agorɔ ne adwuma mu nnwom ho.

36. Sisiri mbo, tabon mbo. Adwuma bɛn mu dwom nie?

A. Ahayɔ
B. Kuayɔ
C. Ntomanwene
D. Apokɔ

SHOW ANSWER

 

D. Apokɔ

37. Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako. Kyerɛ ne botaeɛ.

A. Ahoɔden
B. Ahwɛyie
C. Nnamfofa
D. Papayɛ

SHOW ANSWER

 

B. Ahwɛyie
 

38. Toa saa dwom yi so: Dedendee Kwao, Dedendee Kwao, Agya Bɔfoɔ ne nkwan yɛ me dɛ nanso……

A. N’ataadeɛ yɛ me tumm
B. Ne mpaboa yɛ me kɔɔ
C. Ne nam yɛ me dɛ
D. Ne tuo ho yɛ me tumm

SHOW ANSWER

 

A. N’ataadeɛ yɛ me tumm

39. Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛdeɛ…..

A. nkurɔfoɔ bɛte ne nne
B. nnipa bɛhunuu sɛ ɔwɔ hɔ
C. ɔbenya aboafoɔ
D. ɔrente ɔbrɛ

SHOW ANSWER

 

D. ɔrente ɔbrɛ

 

 

40. Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Akanfoɔ agorɔ?

A. Ahayɔ
B. Antoakyire
C. Asɔba
D. Atentam

SHOW ANSWER

 

A. Ahayɔ

 

 

GHANAIAN LANGUAGE & CULTURE 2010 – (ASANTE TWI) PAST QUESTIONS – PAPER TWO

 

PART I
COMPOSITION

1. Fa nsɛmfua bɛyɛ ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro twerɛ deɛ edidi soɔ yi mu baako ho asɛm.

a) Twerɛ krataa kɔma wo kyekyɛkyerɛni na kyerɛ deɛ nti a worentumi nkɔ sukuu nnanu.
b) Kyerɛ aduane a wopɛ pa ara na kyerɛ sɛdeɛ wɔsi yɛ no.
c) Twerɛ deɛ woyɛ no Memeneda biara.
d) Twerɛ ayɛsɛm bi a wonim.

 

PART II
COMPREHENSION

Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

2. Da bi na ɔkra ne akura yɛ nnamfoɔ a wɔte faako. Na wɔn akuraa no bɛn kwaeɛ bi. Na wɔnoa aduane a, wɔdidi bɔ mu.
Anɔpa bi ɔkra ne akura de aburoosiam ne ngo yɛɛ aduane bi. Ɔkra kaa sɛ wɔmfa aduane no nsi hɔ na wɔfiri afuom ba anwummerɛ a, wɔabedi. Akura ani annye saa nsusuiɛ yi ho nanso wante ntasuo anto fam.
Wɔduruu afuom hɔ no, akura ka kyerɛɛ ɔkra sɛ ne werɛ afiri ne sekna wɔ efie ɛno nti ɔresan akɔ fie akɔfa. Ɔduruu fie no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka aduane no bi ahwɛ sɛ ɛyɛ anaa. N’ani baa ne ho so no na wadi aduane no nyinaa.
Akura hunuu sɛ ɔkra aba fie pɛ na ɔdwaneeɛ. Ɛno nti na akura hunu ɔkra bere biara a na ɔredwane.

a) Ɛhefa na na nnamfoɔ yi akuraa wɔ?

b) Bobɔ nneɛma a wɔde yɛɛ aduane no din.

c) Kyerɛ saa kasakoa yi ase: wante ntasuo anto fam.

d) Adɛn nti na akura hunuu ɔkra no ɔdwaneeɛ?

e) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm yi din.

ANSWERS

 

a) Akura bεn kwaeε

b) Aburosiam ne ngo

c) Wanka hwee / wankasa

d) Wabu ↄkra kwasea

e) Akura sisifoↄ

 

 

3. Kenkan anwonsɛm a ɛdidi soɔ yin a bua nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ no nyinaa.

Abɔfra a worefiri ɔbra aseɛ,
Sɛ worepɛ ahotɔ ne ahodwoɔ a
Bu w’awofoɔ na di wɔn ni
Na daakye bi, ɛbesi wo yie

Abɔfra a worefiri ɔbra aseɛ,
Sɛ worepɛ ɔbra abɔ deɛ a,
Tie afotu pa ne kasakyerɛ;
Na daakye bi, ɛbesi wo yie

Abɔfra a worefiri ɔbra aseɛ
Sɛ worepɛ abrabɔ mu nimdeɛ a,
Sua biribi ɛnnɛ yi ara;
Na daakye bi, ɛbesi wo yie.

Abɔfra a worefiri ɔbra aseɛ,
Sɛ worepɛ obuo ne nidie a,
Bu mpanin ne mmɔfra nyinaa
Na daakye bi ɛbesi wo yie.

a) Twerɛ suban ahodoɔ mmienu a sɛ abɔfra da no adi a, daakye ɛbesi no yie.
b) Deɛn na sɛ abɔfra pɛ nimdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
c) Wodwene sɛ sɛ abɔfra antie afotuo ne kasakyerɛ a deɛn na ɛto no?
d) Kyerɛ saa kasakoa yi ase: di wɔn ni.
e) To anwonsɛm yi din.

ANSWERS

 

a) OBUO, tie afutuo, adebuo, sua ade yie

b) Osua adeε

c) Ne bra bεyε basaa

d) Tie wↄn

e) Bↄ bra pa

 

 

PART II
LEXIS AND STRUCTURE

4. Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa yi nyinaa ano.

Twerɛ nsɛmfua kuo a asɛmfua a wɔasensan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu no fra mu.
a) Ɔkra no da pono no ase.
b) Ɔhene no reka ne kaa.
c) Maame Mansa ho yɛ fɛ.
d) Kwadwo tu mmirika ntɛmntɛm.
e) Ne fie no yɛ foforɔ.
Fa atwerɛ mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twerɛ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu biara yie.
f) Wɔwoo abaayewa no wɔ Takorade
g) Wo nsa kaa nkra no
h) Ɔtɔɔ nwoma pɛn ne pɛnsere
i) Firi ha ntɛm
j) Mehuunu Dankwa wɔ adwuma mu
Twerɛ ɔkasasin ko a deɛ wɔasensan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu no fra mu.
k) Krataa no da pono no so.
l) Papa no ho yɛ fɛ yiye.
m) Na Kofi rekan krataa.
n) Ɔbaa anɔpa no.
o) Ntoma no gu pono no so.
Twerɛ edin nkyerεkyerεmu a εwɔ ɔkasamu biara no mu.
p) Wɔasi efie foforɔ bi
q) Odwan tuntum no redidi.
r) Papa tenten no firi apueɛ na ɔbaeɛ.
s) Amma atɔ ataadeɛ kɛseɛ bi.
t) Papa no apam ɔkraman nihafoɔ no.

ANSWERS

 

a) BEAEε kyerεwfo
b) Adeyε
c) Edin nkyerεkyerεmu
d) Yεbea kyerεwfo
e) Edinnsiananmu
f) Wɔwoo abaayewa no wɔ Takorade.
g) Wo nsa kaa nkra no?
h) Ɔtɔɔ nwoma, pɛn ne pɛnsere.
i) Firi ha ntɛm!
j) Mehuunu Dankwa wɔ adwuma mu.
k) Edin kasasin
l) Nkyerεkyerεmu kasasin
m) Adeyε kasasin
n) Edin kasasin
o) Edin kasasin
p) foforↄ
q) tuntum
r) tenten
s) kεseε
t) nihafoↄ

1 Comments

  1. This aquasiton is good please give more

    ReplyDelete

Post a Comment

Featured Post