2013
Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nkyea ho.
1. Sɛ wohyia obi na woankyea a, yɛtaa dwene sɛ….
A. W’ani ate
B. Wompɛ ntɔkwa
C. Wonni nteteeɛ
D. Wowɔ ɔdɔ
SHOW ANSWER
C. Wonni nteteeɛ
2. Akanfoɔ amammerɛ mu no, wɔkyea firi
A. Nifa so
B. Mpanin so
C. Benkum so
D. Mfinimfini
SHOW ANSWER
A. Nifa so
3. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ abusua din?
A. Adusa
B. Anto
C. Opoku
D. Bediako
SHOW ANSWER
C. Opoku
4. Sɛ wowɔ obi Memeneda a ɛyɛ dabɔne a, wɔbɛfrɛ no…….
A. Ama Bagyina
B. Ama Dapaa
C. Kwame Duku
D. Kwame Tutu
SHOW ANSWER
B. Ama Dapaa
5. Agyeiwaa mmrane yɛ……
A. Ɔsɔɔnɔ
B. Kyeiwaa
C. Amponyinamoa
D. Kɔdeɛ
SHOW ANSWER
D. Kɔdeɛ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ awareɛ ne akyiwadeɛ ho.
6. Sɛ wo kunu nuabaa yɛ akumaa a na ne nuabarima ye……
A. ase
B. wɔfa
C. papa
D. kunu
SHOW ANSWER
D. kunu
7. Maame kunu nuabarima yɛ ne kunu a, na ne yere nuabaa yɛ ɔbarima no….
A. nua
B. yere
C. ase
D. akumaa
SHOW ANSWER
B. yere
8. Sika a wɔde ma ɔbaa nua mmarima no yɛ…..
A. Akontasekan
B. Taw
C. Danta
D. Tiri adeɛ
SHOW ANSWER
A. Akontasekan
9. Hwan na ɔgye awareɛ ma ba barima?
A. Papa
B. Maame
C. Nana
D. Wɔfa
SHOW ANSWER
A. Papa
10. Ntam bɛn ne ntam kɔkɔɔ?
A. Ntam kumaa
B. Ntam kɛseɛ
C. Ntam piadeɛ
D. Ntam fufuo
SHOW ANSWER
B. Ntam kɛseɛ
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ abusua, ntɔ, bragorɔ ne atetesɛm ho.
11. Sɛ agya bosom yɛ wo ntɔn a, maame mogya yɛ wo…
A. Kra
B. Bosom
C. Abusua
D. Nkwa
SHOW ANSWER
C. Abusua
12. Sɛ abaayewa bi hunu mogya a, wɔde no kɔkyerɛ……
A. Abusua panin
B. Odikro
C. Ɔhene
D. Ɔhemaa
SHOW ANSWER
D. Ɔhemaa
13. Ɔkɔmfoɔ bɛn na ɔtumi de mpaboa foroo onyina?
A. Ɔkɔmfoɔ Kyei
B. Ɔkɔmfoɔ Anokye
C. Aseibu Amamfi
D. Ansa Sasraku
SHOW ANSWER
B. Ɔkɔmfoɔ Anokye
14. Dabɛn na Asantehene nsa kaa sikadwa Kofi no?
A. Dwoada
B. Wukuda
C. Memeneda
D. Fiada
SHOW ANSWER
D. Fiada
15. Bragorɔ mu no baabi a ɔbrani kɔtena yɛ….
A. Brafie
B. ɔmaame fie
C. abusua fie
D. ɔhemaa fie
SHOW ANSWER
C. abusua fie
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ ahensɛm ne adwuma ho.
16. Ɔhene ne ne manfoɔ hyia a, nea ɔma dwam yɛ din yɛ…..
A. Ɔhemmaa
B. Adumfoɔ
C. Sanaafoɔ
D. Ɛsɛn
SHOW ANSWER
D. Ɛsɛn
17. Mmenakurafoɔ taa yɛ ɔhene……
A. Nananom
B. Wɔfasenom
C. Nuanom
D. Asomfo
SHOW ANSWER
D. Asomfo
18. Sɛ ɔman bi rekɔ sa a, deɛ ɔdi ɔhene anim pɛɛ ne….
A. Gyasehene
B. Benkumhene
C. Adɔntenhene
D. Kyidɔmhene
SHOW ANSWER
C. Adɔntenhene
19. Akanman mu no…..na ɔtu ɔhene fo.
A. Ɔkyeame
B. Ɔhemaa
C. Odikro
D. Gyaase
SHOW ANSWER
B. Ɔhemaa
20. Mpanimfoɔ a ɔhene ne wɔn bu ne man no wɔfrɛ wɔn…….
A. Mpapahwekwa
B. Nhenkwaa
C. Atenankonnwa
D. Adikrofoɔ
SHOW ANSWER
C. Atenankonnwa
21. Wɔfrɛ baabi a wɔbɔ nnadeɛ ne nsɔ sɛ
A. Gyedua ase
B. Amanfo so
C. Afuom
D. Tonsuom
SHOW ANSWER
D. Tonsuom
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ne agya rekɔ ho.
22. Nam dodoɔ ……..nkwan.
A. nnsɛe
B. sɛe
C. resɛe
D. bɛsɛe
SHOW ANSWER
A. nnsɛe
23. Ɔdehyeɛ anko a…………….
A. ɛmfa obiara ho
B. mpanin dwane
C. akoa dwane
D. mpanin bisa no
SHOW ANSWER
C. akoa dwane
24. ………………su agyenkuku su a ne to pae.
A. Apatuprɛ
B. Aserewa
C. Aburuburo
D. Akyem
SHOW ANSWER
B. Aserewa
25. Agya adeɛ bi wɔ hɔ ɔrebɛwu a gye sɛ ɔkra ne maame. Ɛyɛ…………..
A. kanea
B. ɛgya
C. bokyea
D. mankese
SHOW ANSWER
D. mankese
26. Agya adeɛ bi wɔ hɔ ɛnni ani nso ɛtumi wura tokuro biara mu. Ɛyɛ deɛn?
A. Ɔwɔ
B. Okusie
C. Nsuo
D. Paneɛ
SHOW ANSWER
C. Nsuo
27. Nsaguo mu no yɛhyira yɛn
A. Adɔfo
B. Nsamanfoɔ
C. Atamfo
D. Akɔmfoɔ
SHOW ANSWER
A. Adɔfo
28. Nsaguo mu no yɛtaa srɛ nneɛma a ɛdidi soɔ yi gye sɛ…..
A. Siadeɛ
B. Nhyira
C. Nnome
D. Onyinkyerɛ
SHOW ANSWER
C. Nnome
29. Apoɔ yɛ fa a wɔhyɛ no wɔ Takyiman ne
A. Dɔmaa
B. Wankyi
C. Kintampo
D. Sunyane
SHOW ANSWER
B. Wankyi
30. ……………yɛ afahyɛ a wɔde huro kɔm.
A. Aboakyere
B. Ohum
C. Adɛɛ kɛse
D. Akwanbo
SHOW ANSWER
B. Ohum
Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ paa a ɛfa Akanfoɔ nsɛnkyerɛne a ɛkasa fa ayiyɛ ne nnabuo ho.
31. Abɔfra a wɔatwa ne tiri mpɛsempɛsɛ yɛ…………..
A. ɔbosomma
B. aboatia ba
C. ɔkɔmfoɔ ba
D. ɔdehyeɛ
SHOW ANSWER
A. ɔbosomma
32. Sɛ ɔkanni bi ani gye a ɔfira ntoma……..
A. Fitaa
B. Tuntum
C. Kɔkɔɔ
D. Kuntunkuni
SHOW ANSWER
A. Fitaa
33. Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ wuram a, deɛ ɔyɛ de hyɛ ɔkwan nso ne sɛ……..
A. ɔpae kwan so
B. ɔtwitwa nnunsin a ɛwɔ kwan so
C. ɔhye ɔkwan so nwura
D. ɔbotabota nnua ho
SHOW ANSWER
D. ɔbotabota nnua ho
34. Akyekyedeɛ wɔ anansesɛm mu gyina hɔ ma
A. Aniteɛ
B. Ntɔkwa
C. Asomdwoeɛ
D. Manso
SHOW ANSWER
C. Asomdwoeɛ
35. Yɛfrɛ bosome dubaako sɛ…….
A. Obubuo
B. Ɛbɔ
C. Ɔpɛpɔn
D. Oforisuo
SHOW ANSWER
A. Obubuo
36. Hwehwɛ deɛ ɛda nso wɔ saa nsɛm yi mu………
A. Ɔgyefuo
B. Oforisuo
C. Ɔpɛnima
D. Ɔpɛpɔn
SHOW ANSWER
B. Oforisuo
37. Firi bere a obi bewu kɔpem berɛ a wɔbesie no yɛ…..
A. ayipa
B. ayiseɛ
C. ahosiesie
D. dɔteyie
SHOW ANSWER
D. dɔteyie
38. Amanneɛ a wɔyɛ obi a ne kunu anaa ne yere awu yɛ
A. ayeforohyia
B. kuna
C. awaregyeɛ
D. awareguo
SHOW ANSWER
B. kuna
39. …………..yɛ nkra a ɛtwa toɔ ma awufoɔ ne ateasefoɔ.
A. Awaregyeɛ
B. Ayeforohyia
C. Ayiyɔ
D. Awareguo
SHOW ANSWER
C. Ayiy
40. Ɔbarima wu a deɛ ɔdi adeɛ fa no……
A. sekan
B. akonnwa
C. agyapadeɛ
D. tuo
SHOW ANSWER
D. tuo
2013 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two
PART I
COMPOSITION
1. Yi nea edidi soɔ yi mu baako pɛ na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa twerɛ ho asɛm.
a) Nsuo kɛseɛ bi tɔɔ wɔ wo kurom ma ɛsɛee agyapadeɛ pii. Ka nea ɛsiiɛ no ho asɛm.
b) Twerɛ abasɛm bi a n’ahyɛaseɛ ne, “Yɛfiri lɔre no mu siiɛ ara pɛ….”
c) Twerɛ asɛm bi a ɛsii wɔ wo krom dwa da bi.
d) Wo ne wo nnamfonom sukuufoɔ kɔɔ nsrahwɛ wɔ baabi. Twerɛ krataa kɔma wo sewaa n aka nea wohunuiɛ kyerɛ no.
a nea wohunui? kyer? no.
SHOW ANSWER
PART II
COMPREHENSION
Kenkan deɛ edidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
2. Na Adoe ne Akyekyedeԑ yԑ ayͻnkofoͻ a baabi a wͻn mu biara te no, akwansini mmienu na ԑda wͻn ntam. Na wͻn yͻnko berԑboͻ Anene nso te nnua atenten bi a ԑwͻ akyirikyiri bi so.
Da koro bi, Adoe kͻsraa Anene wͻ ne fie. Ͻhunuu dͻm kԑseԑ bi wͻ Anene fie hͻ. Na ԑdͻm no mu bi yԑ Anene abusuafoͻ ne n’ayͻnkofoͻ. Ͻne Anene dii nkͻmmͻ na akyire yi no ͻsrԑԑ kwan sԑ ͻrekͻ. Anene maa no nkra sԑ ͻnkͻka nkyerԑ Akyekyedeԑ. Nkra no ne sԑ Anene maame awu na wͻbԑyԑ ayie no Memeneda a ԑreba no ara sԑdeԑ amammerԑ teԑ no.
Adoe de nkra no kͻmaa Akyekyedeԑ na obisaa no sԑdeԑ ͻbԑkͻ ayie no. Ԑhaa Adoe ԑfiri sԑ na Akyekyedeԑ nkͻͻ Anene kurom da. Nanso Akyekyedeԑ kaa sԑ akwantuo no “nyԑ den”. Ͻsrԑԑ Adoe sԑ ͻmmoa no na ͻmfa bͻtͻ bi a amanedeԑ bi wͻ mu a ͻde bԑma Anene Memeneda no. Ͻka kyerԑԑ Adoe sԑ ͻde bͻtͻ no bԑto nkwankyԑn nti ԑyԑ a ͻmfa nni kan, ԑnkyԑ ͻno nso bԑba.
Memeneda anͻpa no, Adoe de Akyekyedeԑ bͻtͻ no kͻͻ ayiase hͻ. Berԑ a Anene bisaa no sԑ Akyekyedeԑ wͻ he no, ͻbuaa sԑ, ͻsԑ ԑrenkyԑ koraa na waduru ha. Mmom ͻse memfa amanedeԑ yi mma wo. Anene sanee bͻtͻ no ano, na ahodwirisԑm ne sԑ, Akyekyedeԑ huri firii mu pueeԑ, na ͻkaa sԑ, “Ԑnyԑ Akyekyedeԑ nie, onipa a adwene ahyԑ no ma?”
a) Akwansini sɛn na na ɛda baabi a Adoe teɛ ne nea na akyekyedeɛ teɛ ntam?
b) Na Anene te he?
c) Wogye di sɛ ɛdeɛn na ɛmaa ɛdɔm no kɔhyiaa wɔ Anene fie?
d) Nkra bɛn na Anene de kɔmaa Akyekyedeɛ?
e) Da bɛn na wɔyɛ ayie wɔ Anene kurom?
f) Adɛn nti na wogye di sɛ na Akyekyedeɛ nkɔɔ Anene kurom da kɔsi berɛ a na wɔreyɛ ayie no?
g) Sɛ Akyekyedeɛ ka sɛ nyɛ den a, ɔrepɛ akyerɛ sɛn?
h) Akyekyedeɛ yɛe dɛn na ɔkɔɔ ayie no ase?
i) Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansɛm no mu: adwene ahyɛ no ma.
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to akenkansɛm yi din.
SHOW ANSWER
a) Akwansini mmienu
b) Anene te nnua tenten a εwↄ akyirikyiri so
c) Anene maame wuo na εde εdↄm baa fie
d) Anene maame awu
e) Memeneda
f) Akyekyedeε ntumi mforo dua.
g) Ↄbεfa kwan biara so akↄ ayie no.
h) Akyekyedeε kↄhyεε bↄtↄ a ↄde soma Adoe no mu.
i) Ↄwↄ nyansa yie.
j) Akyekyedeε nyansafoↄ
PART III
LEXIS AND STRUCTURE
Bua nsɛmmisa a edidi soɔ yi nyinaa
3. Kyerɛ adeyɛ kyerɛfoɔ a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.
a) Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no baa ha.
b) Ne ho yɛ den nanso ɔnante bɔkɔↄ.
c) Wɔbaa nnora nanso wɔsan kɔeɛ.
d) Nkurɔfoɔ no wɔ hɔ.
e) Ɔnante ntɛmntɛm.
Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
f) A mawu
g) Ɛnnɛ yɛ fiada
h) Sɛ wokɔ a tɔ meleke asikyire ne paanoo
i) Ɔbarima no kaa sɛ Meyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ
j) Woreyɛ deɛn
Twerɛ nsɛmfua a ɛne nea wɔasensan aseɛ no bɔ abira.
k) Ɛkwan no yɛ teaa.
l) Nnipa no bi yɛ adwuma anadwo.
m) Ɔyɛ ɔbaa kɛseɛ
n) Nkwan no yɛ nwunu
o) Yei yɛ ɛberɛ a ɛyɛ anigye ma yɛn.
Twerɛ edin nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.
p) Adaka dada bi wɔ dan no mu.
q) Nsoromma tuntum wɔ frankaa no mu.
r) Ne papa maa no ataadeɛ fɛfɛ bi.
s) Abarimaa tenten no na ɔda wɔn ano.
t) Ɔfira ntoma fitaa.
SHOW ANSWER
a) ha
b) bↄkↄↄ
c) nnora
d) hↄ
e) ntεmntεm
f) A mawu!
g) Ɛnnɛ yɛ Fiada.
h) Sɛ wokɔ a tɔ meleke, asikyire ne paanoo.
i) Ɔbarima no kaa sɛ “Meyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ”.
j) Woreyɛ deɛn?
k) Kεseε
l) anↄpa
m) ketewa
n) hye
o) awerεhoↄ
p) dada
q) tuntum
r) fεεfε
s) tenten
t) fitaa
Post a Comment