Twi 2017

 

2017

Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One

1. Akanfoɔ ammammerɛ mu no wɔkyea firi

A. Benkum so
B. Mfimfini
C. Nifa so
D. Mpanin so

SHOW ANSWER

C. Nifa so

2. Wɔdidi wieeɛ no, ɔbaako kaa sɛ; “Yɛma wo adware” na ɛkyerɛ sɛn?

A. Wɔreda no ase
B. Wɔresrɛ kwan
C. Wɔbedi bio
D. Wɔrekɔdware

SHOW ANSWER

A. Wɔreda no ase

3. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ abusuadin?

A. Adusa
B. Anto
C. Opoku
D. Bediako

SHOW ANSWER

C. Opoku

4. Sɛ wɔwo obi Memeneda na ɛyɛ dabɔne a, wɔfrɛ no

A. Amma Bagyina
B. Kwame Duku
C. Kwame Tutu
D. Amma Dapaa

SHOW ANSWER

D. Amma Dapaa

5. Abɔfra bi de Nyankomago a, na ɛkyerɛ sɛ ɔdi ……akyi.

A. Mansa
B. Tawia
C. Anane
D. Ataa

SHOW ANSWER

B. Tawia

6. Wo maame wɔfa yɛ wo deɛn? Ɔyɛ wo ….

A. Wɔfa
B. Nana
C. Papa pinyin
D. Nana nkansewa

SHOW ANSWER

B. Nana

 

7. Sɛ Ɔkanni bi ka sɛ ɔne obi yɛ mogya baako a, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ……

A. Wɔbɔ abusua baako
B. Wɔbɔ ntɔn baako
C. Wɔsom bosom baako
D. Wɔware efie baako mu

SHOW ANSWER

A. Wɔbɔ abusua baako

8. Akanman mu no, sɛ ɔbaa nyem a, …….

A. Wɔnyɛ no aduro
B. Ɔnnoa aduane
C. Ɔnnidi awia
D. Wɔnnyɛ ne ho adeɛ

SHOW ANSWER

D. Wɔnnyɛ ne ho adeɛ

9. Din bɛn na yɛde ma sika a ɔmanfoɔ de boa owufoɔ no abusuafoɔ no?

A. Ayiaseka
B. ɛtoɔ
C. nsawa
D. ntoboa

SHOW ANSWER

C. nsawa

10. Akanfoɔ mu wɔdi asɛm wie a, sika a wɔde ma wɔn a wɔdii asɛm no, wɔfrɛ no sɛn?

A. Badwadeɛ
B. Hyireguo
C. Mpata
D. Agyinamudeɛ

SHOW ANSWER

D. Agyinamudeɛ

11. Ɛyɛ Akanfoɔ akyiwade sɛ…..

A. Yɛhyia obi a, yɛkyea no
B. Yɛbɛhunu agyinamoa awia
C. Yɛdware a, yɛto dwom
D. Yɛbɛto yɛn nsa afrɛ obi

SHOW ANSWER

C. Yɛdware a, yɛto dwom

12. ……..yɛ berɛ a obi bɛwu kɔpem berɛ a wɔbesie no.

A. Ayikan
B. Apesire
C. Dɔteyie
D. Nsaayie

SHOW ANSWER

B. Apesire

 

 

13. Sɛ abaayewa bi bu ne nsa a, n’awofoɔ de no kɔkyerɛ

A. Abusua panin
B. Aberewatia
C. Ɔmanhene
D. Ɔhemmaa

SHOW ANSWER

D. Ɔhemmaa

14. Saa nneɛma yi mu baako na wɔde ka ɔbrani ano. Yei ne……

A. Kosua
B. Fufuo
C. Nsa
D. Ɛmo

SHOW ANSWER

A. Kosua

15. Nhunu-anim nsa din foforɔ ne

A. Tammoba
B. Kɔkɔɔkɔbɔ
C. Tiri adeɛ
D. Tiri nsa

SHOW ANSWER

B. Kɔkɔɔkɔbɔ

16. Awaregyeɛ mu, agya gye

A. Ntoma
B. Etuo
C. Sekan
D. Danta

SHOW ANSWER

D. Danta

17. Aware bɔne tete

A. Nnasoɔ
B. Kɛtɛ
C. Pieto
D. Ntoma

SHOW ANSWER

D. Ntoma

18. Akanfoɔ di adeɛ kɔ …….fam.

A. Maame
B. Papa
C. Wɔfa
D. Adamfoɔ

SHOW ANSWER

A. Maame

 

 

19. Nnipakuo a wɔnoa ɔhene aduane wɔ ahemfie ne

A. Nsɛneafoɔ
B. Akyerɔmadefoɔ
C. Sodoofoɔ
D. Adumfoɔ

SHOW ANSWER

C. Sodoofoɔ

20. Abusua biara wɔ……a ɔda ano.

A. Abusua panin
B. Ɔkyeame
C. Nkwankwaahene
D. Ɔhene

SHOW ANSWER

A. Abusua panin

21. Saa onipa yi na ɔda ahemfie nnipa nyinaa ano

A. Kurontihene
B. Gyaasehene
C. Ɔkyeame
D. Ɔbrafoɔ

SHOW ANSWER

A. Kurontihene

22. Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a, …….kyerɛ ɔmanfoɔ.

A. Ɔkasa
B. Ɔnante
C. Ɔsuae
D. Ɔdidi

SHOW ANSWER

C. Ɔsuae

23. Ahemfo yi mu hwan na ɔkorɔn sene wɔn a aka no?

A. Kurontihene
B. Sanaahene
C. Gyaasehene
D. Ɔmanhene

SHOW ANSWER

D. Ɔmanhene

24. Asanteman afahyɛ kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?

A. Nkyidwoɔ
B. Awukudeɛ
C. Fɔdwoɔ
D. Adɛɛ kɛseɛ

SHOW ANSWER

D. Adɛɛ kɛseɛ

 

 

25. Afahyɛ bɛn na wɔdi no wɔ Simpa?

A. Akwanbɔ
B. Kundum
C. Aboakyere
D. Fetu

SHOW ANSWER

C. Aboakyere

26. Afarefoɔ de saa nneɛma yi yɛ adwuma

A. Ɔkodoɔ, etuo, asau
B. Ɔkodoɔ, asau, darewa
C. Darewa, atuduro, asau
D. Etuo, asau, atuduro

SHOW ANSWER

B. Ɔkodoɔ, asau, darewa

27. Bosome bɛn na ɛdi Ɛbɔ akyi?

A. Ahinime
B. Kitawonsa
C. Ɔpɛpɔn
D. Ɔbɛnem

SHOW ANSWER

A. Ahinime

28. Ɛnam hwan so na ɛmaa Onyankopɔn kɔɔ soro?

A. Maame bi
B. Aberewa bi
C. Papa bi
D. Ɔbarima bi

SHOW ANSWER

B. Aberewa bi

29. Hwan na atetesɛm kyerɛ sɛ ɔde akofena wɔɔ fam na obiara ntumi ntuiɛ no?

A. Kwabia Amanfi
B. Oti Akenten
C. Ɔkɔmfo Anɔkye
D. Tweneboa Kodua

SHOW ANSWER

C. Ɔkɔmfo Anɔkye

30. Ɛdeɛn nti na obi reyɛ adwuma a, ɔto dwom? Sɛde ɛbɛyɛ a

A. Nkurɔfoɔ bɛte ne nne
B. Nnɔbae no bɛnyini ntɛm
C. Nkurɔfoɔ bɛhunu sɛ ɔwɔ afuom
D. ɔnte brɛ nka papa

SHOW ANSWER

D. ɔnte brɛ nka papa

 

 

31. Ɛdeɛn na Akanfoɔ de wie nsaguo?

A. Nhyira ne nnome
B. Nkamfo ne ntomtom
C. Amannebɔ
D. Ɔfrɛ

SHOW ANSWER

A. Nhyira ne nnome

32. Kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frankaa mu no gyina hɔ ma

A. Ɔman no kwaeɛ
B. Mogya a nananom hwie gu de gyee ɔman no
C. Ɔman no nkɔsoɔ
D. Ɔman no sika kɔkɔɔ

SHOW ANSWER

B. Mogya a nananom hwie gu de gyee ɔman no

33. Sɛ ɔkanni ani gye a, ofira ntoma

A. Tuntum
B. Kɔkɔɔ
C. Fitaa
D. Kuntunkuni

SHOW ANSWER

C. Fitaa

34. Onipa anim kam ma yɛhunu

A. Ne mmɔdemmɔ
B. Ntɔn a ɔbɔ
C. Ne suban
D. Baabi a ɔfiri

SHOW ANSWER

D. Baabi a ɔfiri

35. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, wosoma no a ɔnnkɔ nanso wokɔ ba a, ɔno na ɔdi kan ka bi hwɛ?

A. Kokurobetie
B. Nsateaa
C. Akyerɛkyerɛkwan
D. Nansoaa

SHOW ANSWER

C. Akyerɛkyerɛkwan

36. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, ɛtɔ fam a, onipa baako pɛ na ɔtumi fa

A. Ntoma
B. Adaka
C. Bokiti
D. Paneɛ

SHOW ANSWER

D. Paneɛ

 

 

37. Agya adeɛ bi wɔ hɔ, ɛnni ani nso ɛtumi wura tokuro biara mu

A. Okusie
B. Nsuo
C. Ɔwɔ
D. Paneɛ

SHOW ANSWER

B. Nsuo

38. Wosum borɔdeɛ a, sum

A. Borɔferɛ
B. Kwadu
C. Apem
D. Apantun

SHOW ANSWER

B. Kwadu

39. Nsamanfoɔ mpo se wɔpɛ dodoɔ na yɛn

A. Ateasefoɔ
B. Nkyirimma
C. Nnɛɛmmafoɔ
D. Nnunsifoɔ

SHOW ANSWER

A. Ateasefoɔ

40. Suban a Ananse taa da no adi yɛ

A. Ɔboafoɔ
B. Aniteɛ
C. Awiɛmfoɔ
D. Ahobrase

SHOW ANSWER

B. Aniteɛ

 

2017 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Twi

PART I
COMPOSITION
 

Fa nsɛmfua a ɛnsua nsene ɔha aduonum (150) twerɛ deɛ ɛdidi soɔ yi mu baako ho asɛm.

 

1. (a) Adeɛ bi a esii m’abrabɔ mu a me werɛ remfi da.
(b) W’adamfo bi gyina wo sukuu mu a ɔpɛ sɛ ɔba wo fie. Kyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so aduru hɔ.
(c) Enti ɛsɛ sɛ JHS gyinapɛn biara nya ɔkannifoɔ anaa?
(d) Kyerɛ akwan ahodoɔ nan a yebetumi afa so abrɛ lɔre akwanhyia ase.

 

PART II
COMPREHENSION

 

Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
 

2. Na Papa Gyaesaayɛ srɛsrɛ adeɛ wɔ Atwea. Berɛ biara a ɔbɛkɔ akɔsrɛsrɛ adeɛ no, na ɔto saa dwom yi. “Sɛ woyɛ papa a, woyɛ fa. Woyɛ bɔne a woyɛ fa. Esiane ne dwom no nti, na nnipa pii pɛ n’asɛm wɔ kurom hɔ. Deɛ nti a na wɔpɛ n’asɛm bio ne sɛ, sɛ obi kyɛ no biribi a ɔka sɛ, “Meda wo ase” mprɛ pii. Na nnipa no bi ma no sika ɛnna ebinom nso ma no aduane.
Na Maame Akua ne ne mma baanu nso te Atwea. Maame Akua ampɛ Papa Gyaesaayɛ asɛm da, enti berɛ biara a ɔbɛhunu Papa Gyaesaayɛ no, na ɔdidi no atɛm. maame Akua bɛtanee Papa Gyaesaaayɛ ara kɔsii sɛ ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no awuduro ayi no afiri hɔ.
Da koro bi, ɔde awuduro guu paanoo mu de maa Papa Gyaesaayɛ. Saa da yi, ɔtoo ne dwom no mprɛn pii, na ɔdaa MaameAkua ase wɔ n’akyɛdeɛ a ɔde ama no no. Ewɔ mu ara no, Papa Gyaesaayɛ ho fonoo no ma ɔde atɛnnie pamoo no.
Ɔfiri Maame Akua hɔ a ogu so rekyinkyini no, ɔkɔhyiaa Maame Akua mma baanu a na wɔapɔn sukuu rekɔ fie. Ne dwom no twee mmɔfra no kɔɔ ne nkyɛn maa wɔde wɔn ho gyee dwontoɔ no mu. Papa Gyaesaayɛ de paanoo no kyɛɛ mmɔfra no.
Mmɔfra no duruu fie no, anigyeɛ nti wɔamfa wɔn baage anto hɔ mpo na wɔbɔɔ wɔn maame amanneɛ wɔ akyɛdeɛ a Papa Gyaesaayɛ de ama wɔn no. Maame Akua yam hyee no yie. Obisaa wɔn sɛ, “Paanoo no wɔ he?” Berɛ a mmɔfra no de maa no no, ɔde pue kɔɔ abɔnten. Ɔresan aba no, na ɔresu a onkuta paanoo no, wanyi nsɛm a ne mma no bisaa no no mu baako mpo ano.
a) Ɛhe na na Papa Gyaesaayɛ te?
b) Adeɛn nti na na nnipa pii pɛ Papa Gyaesaayɛ asɛm?
c) Ɛdeɛn na na nkurɔfoɔ de ma Papa Gyaesaayɛ?
d) Ɛdeɛn na Maame Akua de guu paanoo no mu de maa Papa Gyaesaayɛ?
e) Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ayesɛm no mu: ho fonoo no mu?
f) Adɛn nti na Maame Akua mma no de wɔn ho kɔgyee dwontoɔ no mu?
g) Adɛn nti na berɛ a Maame Akua tee sɛ Papa Gyaesaayɛ ama ne mma no paanoono,ne yam hyee no?
h) Wogye di sɛ Maame Akua yɛɛ paanoo a ɔde kɔɔ abɔnten no deɛbɛn?
i) Wosusu sɛ asɛm bɛn na mmɔfra no bɛbisa wɔn maame?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm no din.

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa ano
 

3. Twerɛ adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ a edidi soɔ yi biara mu.

k) Mmɔfra no kɔ sukuu.
l) Hunu adeɛ no wura seesei ara.
m) Abaayewa no redi kwadu.
n) Mmarima no seree ɔkɔwensani no.
o) Enti wobɛsrɛ otemmuafo no anaa?
Twerɛ edinnsiananmu a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ a edidi soɔ yi biara mu.
p) Amma maa wɔn aduane ne nsuo.
q) Ma yɛn berɛ.
r) Ɔkorɔmfoɔ no hunuu me wɔ esum no mu.
s) Akua pɛ w’asɛm.
t) Ɔkyerɛkyerɛni no kyerɛɛ no adeɛ yie.
Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio, na fa atwerɛ mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata ma emu biara ma ɛnwie pɛyɛ
u) Wɔkɔɔ fie nnora
v) Anwanwasɛm ni

Post a Comment

Featured Post