Twi 2016

 

2016

Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One

1. Sɛ ɔkwantuni bi firi akwantuo mu ba a, abusuafoɔ

A. ma no adwuma
B. ma no due
C. bisa no kwanso
D. ma no nante yie

SHOW ANSWER

C. bisa no kwanso

2. Sɛ ɔkwantuni bɔ n’amanneɛ wie a, abusuafoɔ ma no

A. akwaaba
B. adwuma
C. due ne awɔ
D. woaba a, tena ase

SHOW ANSWER

A. akwaaba

3. Ansa na wɔbɛma abɔfra bi abusuadin no, na ɔwɔ

A. abodin
B. kradin
C. ahendin
D. apɛtɛdin

SHOW ANSWER

B. kradin

4. Sɛ yɛfrɛ obi Nyankomago a, na ɔyɛ

A. bagyina
B. ɔdehyeɛ
C. ntaafoɔ akyi ba
D. Tawia akyi ba.

SHOW ANSWER

D. Tawia akyi ba.

5. Niwaa mma yɛ nnipa a

A. wɔn maame awu
B. wɔfiri yafunu baako mu
C. wɔn maame yɛ ketewa
D. wɔn nana yɛ baako

SHOW ANSWER

B. wɔfiri yafunu baako mu

6. Sɛ mmarima baanu ware wɔ efie baako mu a, wɔyɛ

A. kununom
B. akorafoɔ
C. nkummaafoɔ
D. nsenom

SHOW ANSWER

B. akorafoɔ

 

7. Sɛ ɔbaa de abɔfra bi kɔware ɔbarima a, abɔfra no yɛ ɔbarima no

A. banana
B. abanoma
C. bagyina
D. tammoba

SHOW ANSWER

B. abanoma

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ gyidie, owuo ne adedie ho.

8. Yɛgye di sɛ obi didi na wannwe nam a,

A. n’ani bɛfira
B. n’ano bɛkyim
C. n’aso bɛsi
D. ne hwene bɛbɔ

SHOW ANSWER

C. n’aso bɛsi

9. Nnipa bɛn na Akanfoɔ bɔ abamo ma wɔn?

A. Fofie
B. Tawia
C. Nyankomago
D. Ntaafoɔ

SHOW ANSWER

D. Ntaafoɔ

10. Wokɔ wo dɔfo ayie ase a, wobɔ

A. hyire
B. ka
C. tikwa
D. nsawa

SHOW ANSWER

D. nsawa

11. Ɔbaa bi kunu wu a,

A. ɔyɛ ayɛ
B. ɔbɔ hyire
C. ɔyɛ kuna
D. ɔdware nsuo mu

SHOW ANSWER

C. ɔyɛ kuna

12. Sɛ ɔbaa bi kunu wu a, berɛ bɛn na ɔtumi ware bio?

A. Afe baako
B. Abosome nsia
C. Adaduanan
D. Mfeɛ mmienu

SHOW ANSWER

A. Afe baako

 

13. Nhyehyɛeɛ a obi yɛ fa n’agyapadeɛ kyɛ ho ansa na wawu yɛ

A. nsamanfrɛ
B. nsamankɔ
C. nsamanseɛ
D. nsamantoa

SHOW ANSWER

C. nsamanseɛ

14. Sɛ ɔbarima bi yɛ agyapadeɛ bi wɔ abusua asase so a, ɛyɛ nokorɛ sɛ

A. abusua nni so tumi
B. ɔntumi mfa nkyɛ ne yere ne ne mma
C. ɔtumi de kyɛ ne mma
D. ɔtumi de kyɛ ne yere

SHOW ANSWER

B. ɔntumi mfa nkyɛ ne yere ne ne mma

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ awareɛ, bragorɔ, anansesɛm ne atetesɛm ho.

15. Sɛ yɛka sɛ ɔbaa warefoɔ bi bɔ mpoa a, na ɛkyerɛ sɛ

A. ɔwo ntɛmntɛm
B. ɔpɛ kyini
C. ɔpɛ ayɔnkogorɔ
D. ɔtwe mpena

SHOW ANSWER

A. ɔwo ntɛmntɛm

16. Sɛ ɔbarima bi di badudwan a, na ɛkyerɛ sɛ

A. ɔwɔ nnwan du
B. wadi odwan nkwan
C. wawo mma du
D. waware mmaa du

SHOW ANSWER

C. wawo mma du

17. Yi deɛ ɛnyɛ nokorɛ wɔ bragorɔ ho

A. ɛgu ɔbaa no anima se
B. ɛma ɔbaa no nya dwatire
C. ɛma ɔbaa no nya kunu pa
D. ɛhyɛ ɔbaa no animuonyam

SHOW ANSWER

A. ɛgu ɔbaa no anima se

18. Yɛde …………ka ɔbaa a yɛregoro no bra ano.

A. ɛnam
B. kosua
C. nsa
D. nsuo

SHOW ANSWER

B. kosua

19. Anansesɛm mu ɔsebɔ taa di dwuma sɛ

A. mmirikatufoɔ
B. mmɔborɔhunufoɔ
C. owudifoɔ
D. onyansafoɔ

SHOW ANSWER

C. owudifoɔ

20. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ sɛ wɔpue firii fam wɔ

A. Ɔyoko
B. Kumase
C. Mampɔn
D. Asantemanso

SHOW ANSWER

D. Asantemanso

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ ahennie, afahyɛ, asɛnnie, nsaguo ne nnapɔnna ho.

21. Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔatu ɔhene bi?

A. Yɛworɔ ne nan mu mpaboa
B. Yɛgye n’afena
C. Yɛgye n’akyeampoma
D. Yɛgye n’apakan

SHOW ANSWER

A. Yɛworɔ ne nan mu mpaboa

22. Sɛ ɔhempɔn bi ka baabi a, Akanfoɔ tumi ka sɛ

A. otumfoɔ atia mpaboa mu
B. odupɔn atutu
C. ɔberempɔn asoa ne bankyiniiɛ
D. ɔhene kɔ nsrahwɛ

SHOW ANSWER

B. odupɔn atutu

23. Sɛ Takyimanfoɔ redi apoɔ a,

A. ɔhene bɔ tikwa
B. ɔhene mpue abɔnten
C. wɔtumi ka ɔhene anim
D. ɔhene didi abɔnten

SHOW ANSWER

C. wɔtumi ka ɔhene anim

24. Yeinom baako nka mfasoɔ a yɛnya no afahyɛ ho.

A. Ɛde anigyeɛ ba
B. Ɛde nkabom ba
C. Ɛde mpontuo ba
D. Ɛde ntɔkwa ba

SHOW ANSWER

D. Ɛde ntɔkwa ba

25. Akanfoɔ frɛ wɔn nnapɔnna sɛ

A. dapapa
B. dabɔne
C. afoofida
D. dakronkron

SHOW ANSWER

B. dabɔne

26. Memeneda Dapaa din foforɔ ne

A. Nkyɛmemene
B. Fɔmemene
C. Kurumemene
D. Monomemene

SHOW ANSWER

A. Nkyɛmemene

27. Amammerɛ kwan so no …… na wɔdi asɛm.

A. abadwafoɔ
B. adansefoɔ
C. atɛmmuafoɔ
D. lɔyafoɔ

SHOW ANSWER 

A. abadwafoɔ

28. Adɛn nti na Ɔkanni regu nsa a, ɔworɔ ne nan mu mpaboa?

A. ɛkyerɛ abufuo
B. ɛkyerɛ anibere
C. ɛkyerɛ ɔko
D. ɛkyerɛ obuo

SHOW ANSWER

D. ɛkyerɛ obuo

29. Sɛ Akanfoɔ reyi apaeɛ a,

A. wɔbu nkotodwe
B. wɔkata wɔn ani
C. wɔpagya wɔn nsa
D. wɔworɔ wɔn ntoma gu wɔn mmatiri so

SHOW ANSWER

D. wɔworɔ wɔn ntoma gu wɔn mmatiri so

 

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkasa, mmɛ ne agya rekɔ ho.

30. Akyeampoma a ɔkwakuo a ɔsɛn dubaa so si kyerɛ sɛ

A. Wopɛ sɛ dua mmu mmɔ ɔkwakuo a, ɛnoa no si
B. ɔkwakuo ani agye
C. ɔkwakuo si dua so
D. dubaa no akyere ɔkwakuo nu

SHOW ANSWER

A. Wopɛ sɛ dua mmu mmɔ ɔkwakuo a, ɛnoa no si

31. Akanman mu sɛ obi fira kuntunkuni anaasɛ kɔbene a, na ɛkyerɛ sɛ

A. n’ani abere
B. ne bo afu
C. ne biribi awu
D. ne werɛ aho

SHOW ANSWER

C. ne biribi awu

32. Biretuo akraboa ne ɔsebɔ a ɔgyina hɔ ma

A. ahoɔherɛ
B. ahoteɛ
C. asomdwoeɛ
D. ahoɔden

SHOW ANSWER

D. ahoɔden

33. Akyekyedeɛ ne nwa nsɛnkyerɛnne kyerɛ deɛn?

A. aniteɛ
B. asondwoeɛ
C. ehu
D. mmɔborɔhunu

SHOW ANSWER

B. asondwoeɛ

34. Niwaa mma nsae a, …….nni adeɛ.

A. babarima
B. nuabarima
C. wɔfase
D. nuabaa

SHOW ANSWER

C. wɔfase

35. Obi a ɔmpɛ adwuma no…..na ɛbɛkum no.

A. ohia
B. aborɔ
C. aniteɛ
D. soma

SHOW ANSWER

A. ohia

36. Obi nkwati ……..mmɔ pɔ.

A. akyerɛkyerɛkwan
B. nsateahene
C. kɔkorɔmmɔtoɔ
D. kokurobetie

SHOW ANSWER

D. kokurobetie

 

 

37. Obi mfa …..ne kasa.

A. adidie
B. nkɔmmɔdie
C. nsanom
D. ntɔkwa

SHOW ANSWER

A. adidie

38. Ahwenne pa ………

A. kasa
B. nkasa
C. nyɛ fɛ
D. yɛ fɛ

SHOW ANSWER

B. nkasa

39. Agya adeɛ bi wɔ hɔ gye sɛ wobɔ n’apampam ansa na watena ase. Ɛyɛ

A. bɔɔlo
B. dua
C. dadewa
D. praeɛ

SHOW ANSWER

C. dadewa

40. Agya nam bi wɔ hɔ gye sɛ wowe ansa na woahunu sɛ mogya wɔ mu. Ɛyɛ

A. ahwedeɛ
B. borɔferɛ
C. nkateɛ
D. bese.

SHOW ANSWER

D. bese.

 

2016 Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper Two

PART I
COMPOSITION

 

1. (a) Adekyerɛ ne Kuayɛ, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho pa ara? Kyerɛ sɛnti a w’ani gye ho.
(b) Kyerɛ adeɛ bi a esii wɔ wo sukuu mu a wo werɛ remfi da.
(c) Twerɛ efie a wote mu ho asɛm.
(d) Twerɛ krataa kɔma w’adamfo a ɔwɔ kuro foforo so na kyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so afiri wo kurom lɔre gyinabea aba wo fie.

PART II
COMPREHENSION

 

2. Kenkan deɛ ɛdi so yin a bua nsɛmmisa no nyinaa.

Kofi papa wuiɛ na ɔyɛ abofra a wanya mfeɛ nsia. Ɔne ne papa nua mmarima nkumaa mmienu na ɛkɔtenae. Na Kwadwo ne panin na Kwabena yɛ akumaa. Na ne papa kumaa Kwabena yɛ osikani a ɔwɔ sika bebree. Na ɔwɔ yerenom ne mma bebree. Na nnipa binom di ne ho nsekuro sɛ ɔnnim ne mma dodoɔ. Na ɔwɔ agyapadeɛ bi nso te sɛ adan, lɔre, ntama ne nsaase. Afei na ɔwɔ nnamfonom bebree nso. Na n’ani gye pa ara.
Papa panin Kwadwo yɛ sononko. Ɔno a ɔnyɛ sikani na ɔnyɛ ohiani nso. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na n’ani ku biribiara a ɔyɛ ho.
Ɛyɛɛ Kofi nwanwa sɛ ne papanom baanu yi biara suban nko. Na papa kumaa Kwabena taa ka sɛ “Abrabɔ yɛ anigye. Mmerɛ to wo a di bi.” Papa Kwadwo nso asɛm ne sɛ “Ɔbra wɔ n’ahyɛase ne n’awieeɛ. Biribiara wɔ ahyɛaseɛ ne awieeɛ.”
Kofi nyini bɛyɛɛ osikani. Na ɔwɔ adan ne lɔre te sɛ papa Kwabena. Nanso ɔbɔɔ ne bra te sɛ papa Kwadwo. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na ɔnni adamfo biara. Papanom baanu yi wuwuiɛ. Ɔsiee wɔn yɛɛ wɔn ayie kama.
Sɛ Kofi kae ne papanom nkumaa yi abrabɔ a na ɛhyɛ no nkuran. Da bi apoobɔfoɔ bi ma ɔhweree ne nneɛma nyinaa. Afei ɔkae ne papa kumaa asɛm sɛ, “Ampa ɔbra wɔ n’ahyɛaseɛ ne n’awieeɛ.” Ɔde yei kyekyeree ne werɛ.

a) Kofi papa wuiɛ na wadi mfeɛ sɛn?
b) Hwan ne Kofi papa kumaa?
c) Kyerɛ nneɛma mmienu a na ɛkyerɛ sɛ papa Kwabena yɛ osikani.
d) Papa Kwadwo mma dodoɔ yɛ sɛn?
e) Kyerɛ nnoɔma mmienu a ɛma papanom nkumaa mmienu yi da nso?
f) Ma asɛmfua anaasɛ ɔkasasin a ɛne nsekuro asekyerɛ yɛ pɛ sɛdeɛ ɛte wɔ akenkansɛm no mu.
g) Kyerɛ “Apoobɔfoɔ” ase sɛdeɛ ɛte wɔ akenkansɛm no mu.
h) Kyerɛ adeɛ baako a ɛma Kofi ne ne papa kumaa Kwadwo abrabɔ sɛ.
i) Ɛdeɛn na Kofi de kaee ne ne papa kumaa Kwadwo berɛ a ɔhweree ne nneɛma nyinaa no?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm yi din.

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE

 

3. Twerɛ adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.

a) Kwasi fiiri fie ntɛm.
b) Mmɔfra no kɔɔ sukuu.
c) Mepa wo kyɛw, kasa den.
d) Okunafoɔ no suu yayaaya.
e) Papa no bɛtɔ lɔre ɔkyena.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinaehyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
f) Yɛwɔ fie hɔ
g) Wɔwɔ aduan nsuo ne baabi a wɔda
h) Hefoɔ na wɔwɔ dan no mu
i) Medwene sɛ nnora yɛ ɛbenada
j) Me nua no tuu me fo sɛ, Yɛ komm na tie me.

Twerɛ asɛmfua a ɛne nea wɔasensan aseɛ no bɔ abira.
k) To pon no mu.
l) Abarimaa no too bɔɔlo no
m) Sukuu mmofra no sɔree.
n) Afe sɛsɛɛ wɔ twaa aburoo.
o) Ɔdansifoɔ no sisii adan bebree.

Twerɛ edin a wɔasensan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu dodoɔ kabea.
p) Abofra no ada.
q) Akonnwa no nni dan no mu.
r) Mehunuu adoe no wɔ dua no so.
s) Anomaa no suu dɛdɛɛdɛ.
t) Ne nsa nifa ahono.

Post a Comment

Featured Post