Twi 2019

 

2019

Ghanaian Language & Culture – (Asante Twi) Past Questions – Paper One

1. Ahemfie nnipa no nyinaa sahene ne hwan?

A. ɔkyeame
B. Gyaasehene
C. Abrafoɔ
D. Kurontihene

SHOW ANSWER

B. Gyaasehene

2. Ɔbarima a wɔwo no Yawoada mmrane ne …….

A. prɛko
B. okoto
C. okyini
D. bodua

SHOW ANSWER

A. prɛko

3. ….. yɛ amammerɛ a wɔyɛ de kae da titire bi a atwam wɔ abrabɔ mu.

A. afahyɛ
B. anansesɛm
C. nsaguo
D. bragorɔ

SHOW ANSWER

A. afahyɛ

4. Akanfoɔ nnabuo mu no, akwasidɛɛ si mpɛn ahe wɔ afenhyia baako?

A. du
B. nkron
C. dummienu
D. nson

SHOW ANSWER

B. nkron

5. Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako, ne botaeɛ titire ne sɛn?

A. ahwɛyie
B. ahoɔden
C. nnamfofa
D. papayɛ

SHOW ANSWER

A.ahweyie

6. Deɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom?

A. sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ bɛte ne nne
B. sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte brɛ
C. sɛnea ɛbɛtwetwe nnipa abɛboa no
D. sɛnea ɛbɛyɛ a,nkurɔfoɔ

SHOW ANSWER

B. sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte brɛ

 

7. Bosome a ɛdido soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na nsuo taa tɔ pa ara?

A. Ahinime
B. Ayɛwohomumɔ
C. ɔpɛpɔn
D. ɔpɛnimaa

SHOW ANSWER

B. Ayɛwohomumɔ

8. Ɔhene biara wɔ ne mpanimfoɔ a ɔne wɔn bu ne man. Saa mpanimfoɔ yi wɔfrɛ wɔ sɛn?

A. Adikurofoɔ
B. Nhenkwaa
C. Atenankonnwa
D. Mpapahweakwa

SHOW ANSWER

C. Atenankonnwa

9. Hwehwɛ deɛ ɛda nso wɔ saa nsɛnkuo yi mu.

A. Konkosifoɔ
B. Ahayɔ
C. Kuayɔ
D. Kentenwono

SHOW ANSWER

A. Konkosifoɔ

10. Ɔbɛtwani de …………….. na ɛfite ne mmɛ.

A. Egya
B. berɛ
C. tɛnee
D. mpapa

SHOW ANSWER

C. tɛnee

11. Sɛ ɔman bi rekɔ sa a, sahene a ɔdi ɔhene anim pɛɛ no ne hwan?

A. Benkumhene
B. Adɔntenhene
C. Gyaasehene
D. Kyidɔmhene

SHOW ANSWER

B. Adɔntenhene

12. Tete no na mmarima taa sua nnwuma titire a wɔn ….. yɛ.

A. Nananom
B. Agyanom
C. Wɔfanom
D. Abusuafoɔ

SHOW ANSWER

B. Agyanom

 

 

13. Owupa ne sɛ ……..

A. obi ato ne kɔn awuo
B. obi anya lɔre akwanhyia na wawuo
C. obi atɔ nsuom awuo
D. eto akum obi

SHOW ANSWER

A. obi ato ne kɔn awuo

14. Ɛdi ……….. ansa na abusuafoɔ ahyia ahwehwɛ awufoɔ agyapadeɛ.

A. bosome
B. afe
C. adaduanan
D. nnansa

SHOW ANSWER

B. afe

15. Edin bɛn na Akanfoɔ de frɛ beɛ a obi awuo de kɔsi sɛ wɔbɛkora no wɔ amusieɛ no?

A. ahosiesie
B. ayiseɛ
C. dɔteyie
D. ayipa

SHOW ANSWER

A. ahosiesie

16. Sɛ ɔbarima bi si ɔbaa bi asiwa a, …………..

A. wɔnnidi mmom
B. ɔbaa no ne ɔbarima no tena faako
C. ɔne ɔbaa no nni nkɔmmɔ
D. ɔmmfa ne ho nka ɔbaa no

SHOW ANSWER

D. ɔmmfa ne ho nka ɔbaa no

17. Berɛ bɛn na abaayewa bi so awadeɛ wɔ Akanman mu?

A. ɔwie sukuu a
B. ɔdi mfeɛ dunsia a
C. ɔbu ne nsa a
D. ɔbobɔ nufoɔ a

SHOW ANSWER

C. ɔbu ne nsa a

18. Hwan na ɔgu ɔbaa bi hyire?

A. n’ase
B. n’akumaa
C. okunu
D. ne babarima

SHOW ANSWER

B. n’akumaa

 

 

19. Ahosoɔ kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frakaa mu no gyina hɔ ma ……..

A. ɔman yi sika kɔkɔɔ
B. nnuaba ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu
C. mogya a nananom hwie gu gyee ɔman no
D. ɔman no kwaeɛ birentuo

SHOW ANSWER

C. mogya a nananom hwie gu gyee ɔman no

20. Sɛ wohunu sɛ duaa tua ɔbrani ano da a wɔregoro bra no a, na ɛkyerɛ sɛ ….

A. ɔyɛ agyanka
B. ɔmaame wuiɛ nkyɛreeɛ
C. obi asi no asiwa
D. ɔhene se ɔbɛware no

SHOW ANSWER

C. obi asi no asiwa

21. Sɛ obi di obi adeɛ a yɛka sɛ, ……

A. wafa ne tuo
B. wato boɔ
C. wapra n’akyi
D. wafom n’agyapadeɛ

SHOW ANSWER

A. wafa ne tuo

22. Akanfoɔ di adeɛ kɔ ….. fam.

A. agya maame
B. agya
C. sewaa
D. ɛna

SHOW ANSWER

D. ɛna

23. Wɔdidi wieeɛ no, ɔbaako kaa sɛ yɛma wo adware. Na ɛkyerɛ sɛ …..

A. wɔbɛdi bio
B. wɔresrɛ kwan
C. wɔkɔdware
D. wɔreda no ase

SHOW ANSWER

D. wɔreda no ase

24. Nnyesoɔ a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Bosompoɔ nnyesoɔ?

A. Yaa amen
B. Yaa osua
C. Yaa oburu
D. Yaa ɔbeafo

SHOW ANSWER

A. Yaa amen

 

 

25. Akanfoɔ amammerɛ mu no wɔkyea firi …..

A. nifa so
B. mpanin so
C. mfinimfini
D. benkum so

SHOW ANSWER

A. nifa so

26. Yei ne ɔkwan a Akanfoɔ nam so gye ɔhɔhoɔ bi to abusua bi mu.

A. dintoɔ
B. asubɔ
C. kradin
D. awaregyeɛ

SHOW ANSWER

D. awaregyeɛ

27. Nsa ne nsuo a wɔde sosɔ abɔfra tɛkrɛma so wɔ abadintoɔ mu no kyerɛ sɛ ɔmmɛyɛ …..

A. papa
B. nokwafoɔ
C. akwadworɔ
D. anomum

SHOW ANSWER

B. nokwafoɔ

28. Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ wɔ he na ɛyɛ abusuadin?

A. Anto
B. Adusa
C. Bediako
D. Opoku

SHOW ANSWER

D. Opoku

29. Sɛ ɔkanni bi nya edin bi te sɛ Anane a, na ɛfiri …..

A. awosuo
B. awoɔ nnidisoɔ
C. atoyerɛnkyɛm
D. awommawuo

SHOW ANSWER

B. awoɔ nnidisoɔ

30. 3Sɛ yɛka sɛ obi nka ntam a, na ɛkyerɛ sɛ onipa korɔ no aka ɔman, kuro, anaa kuo bi …..

A. nokwasɛm
B. nkontomposɛm
C. anigyesɛm
D. awerɛhosɛm

SHOW ANSWER

D. awerɛhosɛm

 

 

31. Sɛ obi ka ntam a ….

A. wɔkye bi dedua
B. wɔhuro no
C. wɔbu n’aba so
D. wɔde no kɔ kɔɔto

SHOW ANSWER

ANSWER HERE

32. Abɔdeɛ ahodoɔ a yɛte wɔn din wɔ anansesɛm mu no ne …..

A. anansesɛm su
B. anansesɛm mma
C. ananse akuamoa
D. anansesɛm agorɔ

SHOW ANSWER

B. anansesɛm mma

33. Sɛ obi pae dua mu de mmerɛnkensono bɔ mu de si asaase bi so a, na ɛkyerɛ sɛ …..

A. asaase korɔ no yɛ obi na wadɔ
B. obi atɔ asaase no
C. manso wɔ asaase no so
D. obi rebɛdɔ saa asase no

SHOW ANSWER

D. obi rebɛdɔ saa asase no

34. 34. Sɛ wowura efie mu na wɔabɔ nwera fitaa pɔ sɛn efie no aboboano a, na ɛkyerɛ sɛ ….

A. wɔretwa odwira
B. obi awo ntaa wɔ saa efie no
C. wɔrehyia ayeforɔ
D. wɔresi ɔhene

SHOW ANSWER

C. wɔrehyia ayeforɔ

35. Anansesɛm yɛ …….

A. asisisɛm
B. bɔsrɛmuka
C. nsɛm a asisi pɛn
D. anwonsɛm

SHOW ANSWE

B. bɔsrɛmuka

36. Deɛ Akanfoɔ taa de yi apaeɛ ne ……

A. nsa dɔkɔdɔkɔ
B. ntunkum
C. nsa a ɛboro
D. nsuo

SHOW ANSWER

C. nsa a ɛboro

 

 

37. Onyankopɔn mmrane a wɔtaa de bɔ no wɔ apaeyi mu no baako ne ….

A. Daaseberɛ
B. ɔkoforoboɔ
C. tweaduampɔn
D. kuntunkunuku

SHOW ANSWER 

C. tweaduampɔn

38. Sɛ mmaa rebɛfiri adowa nnwom ase a, ……

A. wɔto apoɔ
B. wɔtwa aho
C. wɔto no prɛko pɛ
D. wɔboro adawuraa mu

SHOW ANSWER

D. wɔboro adawuraa mu

39. Ɔkɔmfoɔ bɛn na atetesɛm kyerɛ sɛ ɔtumi de mpaboa foroo onyina?

A. Aseibu Amamfi
B. Ansa Sasraku
C. ɔkɔmfo Kyei
D. ɔkɔmfo Anɔkye

SHOW ANSWER

 

D. ɔkɔmfo Anɔkye

40. Hwan na ɔde ne ho bɔɔ aforeɛ maa Asanteman bere a, Asanteman ne Denkyira rekɔ ɔko no?

A. ɔsɛe Bonsu
B. ɔsɛe Tutu
C. Tweneboa Kodua
D. Opoku Ware

SHOW ANSWER

C. Tweneboa Kodua

3 Comments

Post a Comment

Featured Post